Nyansapo (Adinkra)
Nyansapo (Nyansapɔ) yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako. Saa asɛmfua ne sɛnkyerɛnne yi gyina hɔ ma nyansa,ne boasetɔ.Afoforɔ nso kyerɛ Nyansapo ase sɛ "Ɛpɔ a wɔde nyansa akyekyere". Ɛkyerɛ su ahodoɔ bi te sɛ akannifoɔ nyansa ne nimdeɛ. Wɔde ahyɛnsodeɛ no hyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔhwehwɛ nyansa ne nteaseɛ wɔ asetena afa nyinaa mu, na ɛkaeɛ wɔn sɛdeɛ nwomasua ne adesua ho hia, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ saa.
Nyansa-pɔ, ɛyɛ agyinahyɛdeɛ bi a ɛdi dwuma wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn ahyɛnsodeɛ mu. Sɛ wɔka sɛ "Nyansa pɔ" a na wagye so sɛ "wɔsane no badwemma mu". Yei kyerɛ sɛ, Nyansapo yɛ adeɛ ɔbanyansafoɔ pɛ na ɔbɛtumi asane.
Deɛ Nyansapo Agyinahyɛdeɛ no Kyerɛ
[sesa]Nyansa som bo sene nimdeɛ kɛkɛ. Nyansa ne nteaseɛ boa ma wosi gyinaeɛ pa. Obi a Ɔnim nyansa yɛ obi a ɔtumi de ne ho toto afoforo ho na ɔpɛ sɛ ɔsua adeɛ. Asetena mu asuadeɛ ahodoɔ kyerɛ sɛ gyinaeɛ a nyansa wom a obi bɛsi no de nkunimdie ba. Yei boa ma nnipa bɔ mmɔden sɛ wobɛte wɔn ne afororɔ ase. Saa ahyɛnsodeɛ yi kae yɛn sɛ nyansa ɛnkyerɛ sɛ yɛbɛhu biribiara, na mmom sɛ yɛde deɛ yɛnim no bɛdi dwuma pa wɔ ɔkwan a ɛfata so.
Mfasoɔ
[sesa]Wɔtaa de Nyansapo ahyɛnsodeɛ no di dwuma wɔ agudeɛ ne ntadeɛ ahodoɔ a agye din wɔ wiase nyinaa mu. Wɔtaa hyehyɛ no anaa wɔtintim Nyansapo mfoni wɔ bag ahodoɔ ne anwenneɛ ahodoɔ bi nso so.Nnipa binom tumi dwini Nyansapo ahyɛnsodeɛ no mfoni to wɔn honam ani.Yei na Buroni frɛ no "tattoo" no na wɔkyerɛ mu sɛ ɛboa ma wɔda wɔn nipasu adi. Wɔ asetena mu no, Nyansapo kyerɛkyerɛ sɛ gyinae a nyansa wɔ mu a obi bɛtumi asi na ɛde nkunimdie aba nafam berɛ biara. Nnipa a wɔdi nnyinasosɛm yi akyi no tumi yɛ deɛ ɛdidi soɔ yi: Deɛ ɛdi kan, wɔdwene ansa na woayɛ biribi anaa woaka asɛm bi. Afei nso, wɔbɔ mmɔden sɛ wobɛte wɔn ne afororɔ ntam nsɛm ase na wɔde nimdeɛ ahyɛ wɔn ho den.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]1.https://symbolikon.com/downloads/nyansapo-adinkra/
2.https://www.adinkrasymbols.org/
3.https://lsa.umich.edu/daas/engagement/adinkra_symbols.html
4. https://yen.com.gh/109014-adinkra-symbols-and-their-meanings.html
5.https://symbolsage.com/what-is-nyansapo/
6.https://adinkrabrand.com/nyansapo-the-symbol-of-wisdom-intelligence-and-patience/