Jump to content

Nyame Biribi Wo Soro

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nyame Biribi Wo Soro
Adinkra symbol
part ofAdinkra Ahyɛnsodeɛ Sesa
titlenyame biribi wo soro Sesa
indigenous toAkan, Asante Mantam, Asante Sesa
located in the administrative territorial entityAsante Mantam Sesa

Nyame biribi wo soro (sɛdeɛ wɔtwerɛ no ankasa wɔ Asante Twi mu Nyame biribi wɔ soro) yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ a Akanfoɔ de di dwuma wɔ wɔn daadaa asetena mu. Saa ahyɛnsodeɛ yi abɔseɛ firi Akanfoɔ abɛbusɛm, "Nyame, biribi wɔ soro na ma me nsa nka" mu. Adeɛ baako a ɛwɔ ahyɛnsodeɛ yi ho ne sɛ ɛne Adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ bi te sɛ “Nkɔnsɔnkɔnsɔn”, “Ɛse ne tɛkrɛma”, "Adwo" ne “Wo nsa da mu a” adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no di nsɛ paa.

Ne Nkyerɛaseɛ

[sesa]

Wɔ Akanfoɔ mu no, saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ anidasoɔ ne gyidie a obi wɔ wɔ Nyankopɔn mu sɛ ɔno na ɔdom nnipa nneɛma ahodoɔ a wɔhia biara te sɛ asomdwoeɛ, atɛntenenee, bɔnefakyɛ ne deɛ ɛkeka ho.[1][2] Bio nso, Akanfoɔ gyidi sɛ ahyɛnsodeɛ yi ma yɛhunu sɛ nnipa tumi wɔ baabi a n’ahoɔden kɔpem na ɛho hia pa ara sɛ ɔde ne ho to Nyankopɔn so na ne tenabea wɔ ɔsoro. Ɛhɔ na otie nnipa adesrɛ na ɔyɛ ho biribi de boa wɔn. [3] Deɛ ɛtwa toɔ no, ahyɛnsodeɛ yi de asɛmpɔ a ɛne sɛ, akwan ahodoɔ a nnipa yɛ wɔn adeɛ no wɔahyehyɛ ato hɔ na ɛno na ɛsɛ sɛ ɔdi so na ama asi wɔn yie wɔ abrabɔ mu. [4]

Ahyɛnsodeɛ yi nkorabata ho nkyerɛkyerɛ mu

[sesa]

Saa ahyɛnsodeɛ yi, nkorabata baako ne nyankanko a wɔaka abom a wɔde dɛnkyɛmboɔ anaa ɛboɔhemaa ato mfimfini wɔ baabi a wɔhyia no. Nyankanko ahodoɔ mmienu a wɔaka abom no sɛ ahyɛnsodeɛ a akontabufoɔ de di dwuma berɛ a wɔrekyerɛ sɛ biribi nni ɛwieɛ a wɔka no Borɔfo kasa mu sɛ "infinity" no sɛ pa ara na ɛgyina hɔ ma ɛwiem anaa Nyankopɔn tenabea a ɛne ɔsoro no. Mpɛn pii no, dɛnkyɛmboɔ anaa ɛboɔhemaa a ɛwɔ ahyɛnsodeɛ no mfimfini no gyina hɔ ma nsoromma na ɛno nso kyerɛ mpaeɛbɔ a wɔbɔ kyerɛ Nyankopɔn wɔ soro. [5]

Mfomsoɔ a nnipa pii di berɛ a wɔrekyerɛ saa ahyɛnsodeɛ yi aseɛ

[sesa]

Mpɛn pii no, nnipa dodoɔ no ara di mfomsoɔ berɛ a wɔrekyerɛ saa adinkra ahyɛnsodeɛ yi aseɛ. Ɛbinom ka sɛ, saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ, “Nyame bi wɔ soro” kyerɛ sɛ wɔde asɛmfua "bi" asi asɛmfua “biribi” anan mu na saa a wɔayɛ no asesa adinkra ahyɛnsodeɛ yi nkyerɛaseɛ koraa. [6]

Yei te saa ɛfiri sɛ saa ahyɛnsodeɛ yi rekasa afa biribi pɔtee bi ɛwɔ soro wɔ Nyankopɔn nkyɛn a obi bisa denam mpaeɛbɔ so na ɔhwɛ kwan sɛ berɛ bi bɛba a ne nsa bɛka. Ɛno koraa nso nti na yɛbɛtumi aka sɛ saa adinkra ahyɛnsodeɛ yi abɔseɛ ne abɛbusɛm, “Nyame, biribi wo soro na ma me nsa nka” no.

Sɛdeɛ wɔde Adinkra ahyɛnsodeɛ yi adi dwuma wɔ adwenneɛ mu

[sesa]
Nyame biribi wɔ soro adwenneɛ ho mfoni a ɛwɔ Ghana aban atenaeɛ bi wɔ aburokyire.
Nyame biribi wɔ soro adwenneɛ ho ne adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ bi ho mfoni a ɛwɔ Ghana aban atenaeɛ a ɛwɔ Washington DC.

Nyame biribi wɔ soro ahyɛnsodeɛ yi, wɔde adi dwuma wɔ adwenneɛ ahodoɔ pii mu. Yie mu bi ne ntoma (Nyame biribi wɔ soro kente) mu, adwenneɛ a wɔadrɔdrɔ wɔ dan ho ne nneɛma a ɛtete saa ho. Adwenneɛ ahodoɔ bi te sɛ kɔmmuadeɛ, kawa, awenneɛ a wɔde nsa awene anaa wɔase mu no wɔde saa ahyɛnsodeɛ yi adi dwuma wom. Nhwehwɛmu ama no ada adi sɛ, adwenneɛ ahodoɔ a agye din a wɔde Adinkra ahyɛnsodeɛ yi adi dwuma wom no bi ne “Puzzle of Truth I”[7], Blue Symphony (2003)[7] ne Adinkra Oration – I[7] (1989) adwenneɛ ahodoɔ no. Wɔka sɛ, ahyɛnsodeɛ yi na wɔnam so da gyidie a nnipa pii no ara wɔ sɛ anidasoɔ amapa bi wɔ hɔ no adi. Afei nso, wɔnam so da gyidie a wɔwɔ wɔ tumi a ɛkorɔn paa wɔ wiase yi mu (Nyankopɔn) no adi.

Nteaseɛ a adwenneɛ ho nimdeɛfoɔ pii anya afiri saa ahyɛnsodeɛ yi mu no aboa ma wɔahyehyɛ nnwom ne abɛbusɛm ahodoɔ wɔ aman bi so. Sɛ nhwɛsoɔ no, nyamesom ho nnwom a Abibifoɔ a wɔsane yɛ Amɛrikafoɔ de dwuma wɔ ɔsom mu a ɛmu nsɛm bi ne "... mete nnwom bi wɔ soro, na ɔsoro bi wɔ hɔ" ne Brazil abɛbuosɛm a ɛka sɛ, "Nka kyerɛ Nyakopɔn sɛ wowɔ ɔhaw keseɛ bi mmom ka kyerɛ wo haw no sɛ wowɔ adeɛ nyinaa so tumfoɔ no" nyinaa adinkra ahyɛnsodeɛ yi ho nteaseɛ a wɔanya na wɔgyinaa so hyehyeɛ.[2]

Saa a wɔayɛ no aboa nnipa pii ma wɔanya gyidie sɛ ampa biribi wɔ Nyankopɔn hɔ na wɔwɔ anidasoɔ ne gyidie sɛ berɛ bi bɛba a ɔde bɛdom wɔn ama no aboro so ɛmfa ho deɛ wɔrefa mu nnɛ. Afei wɔahunu nso sɛ, wɔrentumi mfa wɔn ho nto wɔn ankasa so mmom gye sɛ wɔdane wɔn ani kyerɛ Nyankopɔn berɛ nyinaa wɔ wɔn asetena mu.[8]

Baabi menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Apaah, F. (2024). “Tete wɔ bi ka, tete wɔ bi kyerɛ”: The remaking of a church community through Adinkra symbolism. Journal of Cultures and Ideas: An African Journal of Interdisciplinary Studies, 2(1), 13-26
  2. 1 2 https://www.readtheplaque.com/plaque/nyame-biribi-wo-soro#gsc.tab=0
  3. https://www.adinkrasymbols.org/symbols/nyame-biribi-wo-soro
  4. Kissi, S. B., Fening, P. A., & Asante, E. A. (2019). The philisophy of Adinkra symbols in Asante textiles, jewellery and other art forms. Journal of Asian Scientific Research, 9(4), 29.
  5. https://www.adinkrasymbols.org/symbols/nyame-biribi-wo-soro
  6. http://www.adinkra.org/htmls/adinkra/nyabi.htm
  7. 1 2 3 AIDOO, J. B. K., & AGBESHIE, A. (2022). Visual nexus of Akan Adinkra symbols: some selected works of three contemporary Ghanaian artists. Journal of African Art Education. https://www. jaae. atagonline. org, 2(1).
  8. https://adinkrabrand.com/nyame-biribi-wo-soro-the-symbol-of-hope-and-divine-intervention