Ntotohosɛm
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ntotoho yɛ kasasu ahodoɔ no mu baako[1]. Sɛ obi reyɛ ntotoho a, na ɛkyerɛ sɛ ɔde nnoɔma mmienu a wɔn su nyɛ adekorɔ anaa sɛ nsɛ redi dwuma, ɔde baako retoto ɔfoforɔ no ho. Nsɛm a yɛde yɛ ntotoho ne; sɛ, te sɛ ne kyɛn[2].
Ntotohosɛm kyerɛ sɛ wode nnoɔma mmienu a wɔn su nsɛ reyɛ ntotoho. Ɔkyerɛ sɛ ntotoho de 'te sɛ' anaa 'sɛ' di dwuma de ka nneɛma mmienu a ɛsono emu biara bom, a ɛtwe adwene si wɔn su so[3].
Ɔdwontoni Kojo Antwi de ntotohosɛm dii dwuma wɔ ne dwom afafrantɔ mu.
Nhwɛsoɔ bi nie;
Wobɛkura me mu sɛ kosua mono.
Ɔdɔ bi te sɛ samina ahuro.
Ɔdwontoni Daasebre Gyamenah nso de ntotohosɛm dii dwuma wɔ ne dwom woafom mu.
Nhwɛsoɔ bi ne;
Wo hwene teaa sɛ drobɛn.
W'atikɔ sɛ obi aniwa[4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Eoghan Ryan (2023-08-12), What Is a Simile? | Meaning, Definition & Examples (in American English), retrieved 2025-08-26
- ↑ Margalit Finkelberg (2006-04), "ARISTOTLE AND EPISODIC TRAGEDY", Greece & Rome (in English), vol. 53, no. 1, pp. 60–72, doi:10.1017/S0017383506000039, ISSN 1477-4550, retrieved 2025-08-26
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ David Corbet (2001-04-01), "Expectations of Iconographic Symbols in Third Century Christianity", Doctor of Ministry, retrieved 2025-08-26
- ↑ Eoghan Ryan (2023-08-12), What Is a Simile? | Meaning, Definition & Examples (in American English), retrieved 2025-08-26