Jump to content

Ntomafura

Ɛfi Wikipedia

Ntomafura firi tete nteredee yεn nana Adam berε so pεε na nnipa asetena mu nsεm ho adesuafoɔ ntumi nhunu berε pɔtee a nnipa firii aseε furaa ntoma. Wɔdwene sε bεyε mfeε mpem ɔha kɔsi mfeε mpem ahanum (100000 – 500000 BC) ni na nnipa hyεε aseε de ntoma dii wɔn ho dwuma. Nneεma ahodoɔ a na nnipa de kata wɔn adagya soɔ no binom ne mmoa nwoma, nnomaa ntakra, nnubena, nhahamma ne adeɛ. Bεyε mfeε mpem aduasa (30,000 AD) ni na nnipa hyεε aseε sε wɔde paneε a wɔde mmoa dompe ayε ne ahoma repam wɔn ho nneεma. [1]

Ntomafura so Mfasoɔ

[sesa]

Ntomafura ho hia pa ara ɛsiane mfasoɔ a ɛwɔ soɔ nti. Mfasoɔ a ɛde ba no bi ne sɛ; [2]

  • Ntomafura boa ma nnipa tumi gyina ewiem nsakyeraeɛ ano.
  • Sɛ ɛduru awɔ berɛ mu a, ntoma boa ma nnipa ho ka no hye. Ɔhyew berɛ mu nso ɛbɔ nnipadua no ho ban firi awia anaa nsawansawa ho.
  • Sɛ ɛba no amammerɛ mu nso a, ntoma tumi kyerɛ obi akyi kwan, diberɛ, ne nipa su ne mpo anidie a ɛsɛ sɛ wode ma no.
  • Bio ntomafura yi obi ahoɔfɛ pue yie pa ara ma nnipa hunu.

Deɛ wɔgyina so fura ntoma

[sesa]

Nnoɔma pii na nnipa gyina so fura ntoma. Yei bi ne sɛ, nnipa binom nso gyina ntoma ahosuo so na ɛfura. Afei nso, nnipa binom wɔ hɔ a, wɔn ani gye ahosuo pɔtee bi ho na saa ahosuo yinom tumi ka no ma ɔkɔtɔ ntoma bi na wɔsane gyina ntoma no fɛ a ɛyɛ so fura.[3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://search.proquest.com/openview/5c1d90c5579ac3602ab643e307533e9f/1?pq-origsite=gscholar&cbl=18750&diss=y
  2. http://www.testileschool.com/
  3. Esi Sutherland-Addy, Aminata Diaw (2005), Women Writing Africa: West Africa and the Sahel (in English), retrieved 2025-09-01