Ntoma
Ntoma yɛ adeɛ a nnipa de yɛ wɔn ho de kyerɛ wɔn amammerɛ, wɔn su ne wɔn dibrɛ wɔ asatena mu na wɔde fura de kata wɔn honam. Nokwasɛm ne sɛ, ntoma boa ma nnipa firi adi a wɔmfɛre wɔn adagya. Nhwehwɛmu ada no adi pefee sɛ mmaa pa ara na wɔde ntoma kasa pa ara. Nnipa pii wɔ botaeɛ nti a wɔfura ntoma. Yei te saa ɛfiri sɛ ɛbinom de ntoma da ase. Afoforɔ nso de bɔ akutia titire wɔ akorafoɔ ntam no, wɔde ntoma din, ne papa a ɛyɛ, ne boɔ, n'hosuo ne mpo ne pam bɔ akutia na wɔtumi de kamfo afoforɔ nso. Ntoma din abɔseɛ ne ne nhyehyɛeɛ so na wɔgyina yɛ nneɛma ahodoɔ yi nyinaa. Ntoma ahosuo gu ahodoɔ pii nanso deɛ Asantefoɔ taa de di wɔn dwuma tuntum, fitaa, kɔkɔɔ, ahahanmono ne awerewa.[1]
Nnipa nam wɔn nyansa so ayeyε mfidie ahodoɔ a wɔde yε ntoma ahodoɔ. Ntoma di dwuma titire mmienu wɔ nnipa abrabɔ mu. Yeinom ne dwuma a ntoma di wɔ deε ɔfura no abrabɔ mu ne deεɔrehwε ntoma no ani so. Deε ɔrehwε ntoma no deε, ntoma no ahosuo, ntoma no mudie wɔ ɔmanfoɔ ani so, sεdeε ɔsom bi gye to mu fa, sεdeε ntoma no ho twa fa, sεdeε wɔasi apam no ama afata ɔhyεfoɔ no no na ɔka ho asɛm.
Asɛmfua Ntoma Abɔseɛ
[sesa]Mpaninfoɔ bi kyerɛ sɛ, asɛmfua ntoma firi nsεmfua mmienu, to ne ma mu de kyerε adeε a εnsε sε wobεn obi ansa na wode ama no εfiri sε εyε biribi a ɔdasani de kata n'adagya so. Yei yε adeyε nsεm mmienu nkabom enti sε ɛreyε din asεm a, εhia nsianimu ‘n-’wɔ Asante kasa nsεmfuayε mu. Yei nti na εhia sɛ yεde ‘n-’ si anim na yεanya ‘Ntoma’. [2]
Ntoma din ahodoɔ
[sesa]Ntoma din ahodoɔ bi ne;
- A! Enti ampa sε yεnhu maame bio?
- A! Owuo amma yεanka yεn asεm.
- Afe bi yε asiane
- Agya bi wu a, agya bi te ase.
- Mpofirim wuo bɛn ni?
- Abrabɔ atwa me sɛ sradaa.
- Abusua yɛ dɔm.
- Owia repue.[2]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Banu Subramaniam, ed. (2017-04-20), "The Emperor's New Clothes", University of Illinois Press, doi:10.5406/illinois/9780252038655.003.0010, retrieved 2025-09-01
- 1 2 https://ir.uew.edu.gh/bitstream/handle/123456789/852/Akanfo%C9%94%20ntoma%20din%20ahodo%CF%BD%20binom%20ho%20mp%C9%9Bns%C9%9Bmp%C9%9Bns%C9%9Bmu%20a%20%C9%9Bgyina%20M%C9%94f%C9%94l%C9%94gyi%20ne%20Sentase%20nhyehy%C9%9Be%C9%9B%20so.pdf?sequence=1&isAllowed=y