Ntimu
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ntimu ne sɛ obi rekasa na wati asɛm bi a waka no mu anaa sɛ waka asɛm bi a waka no bio de asi biribi so dua. Ɔse mpɛn pii no ɛyɛ a asɛm a wati mu no didi so[1][2].
sɛm a wɔka na wɔka no bio no, wɔde si asem no so dua de adwene bi anaa nteaseɛ bi to dwa[3].
Nsɛm a wɔka no mpɛn pii no yɛ nnyinasosɛm titire a ɛwɔ nwoma nhyehyɛeɛ mu, a wɔde di dwuma de si nteaseɛ bi so anaa sɛ wɔde adwene bi to dwa[4]. Ɔdwontoni Kojo Antwi de ntimu dii dwuma wɔ ne dwom afafrantɔ mu[5].
Nhwɛsoɔ;
Afrimata, Afrimata, Afrimata, Afrimata
Afafrantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n’ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Afafrantɔ e, yie, yie, yie
Ɔde n’ahoɔfɛ agyegye me o, yoo, yoo, yoo
Ɔdwontoni Daasebre Gyamenah nso de ntimu dii dwuma wɔ ne dwom woafom mu.
Nhwɛsoɔ;
Ɔdɔ bɔhyɛ a wohyɛɛ me no woafom o
Ɔdɔ, mese bɔhyɛ a wohyɛɛ me no woafom o.
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Dorothy J. Hale (2005-11-04), The Novel: An Anthology of Criticism and Theory 1900-2000 (in English), John Wiley & Sons, ISBN 978-1-4051-0774-7, retrieved 2025-08-26
- ↑ Ojiambo, Jacqueline K (2014), The Art of narrative embedding in Chimamanda Adichie's fiction (in English), retrieved 2025-08-26
- ↑ Wendy Mayer (2018-12-01), "Medicine and Metaphor in Late Antiquity: How Some Recent Shifts are Changing the Field", Studies in Late Antiquity, vol. 2, no. 4, pp. 440–463, doi:10.1525/sla.2018.2.4.440, ISSN 2470-6469, retrieved 2025-08-26
- ↑ Dorothy J. Hale (2005-11-04), The Novel: An Anthology of Criticism and Theory 1900-2000 (in English), John Wiley & Sons, ISBN 978-1-4051-0774-7, retrieved 2025-08-26
- ↑ Kyle DeGuzman on (2025-03-05), What is Repetition — Definition and Examples for Writers (in American English), retrieved 2025-08-26