Jump to content

Nteamudeɛ

Ɛfi Wikipedia

Nteamudeɛ yɛ asɛm anaasɛ nsɛm bi a yɛde kyerɛ sɛnea adeɛ bi a yɛate anaa yɛhu si ka yɛn fa. Sɛ atwerɛfoɔ hunu anigyeɛ anaa anwanwadeɛ anaa biribi a ɛte saa a, mpɛn pii no ɔde nteamudeɛ na ɛda no adi. Nteamudeɛ agyinahyɛdeɛ ne nteamudeɛ ahyɛsodeɛ (!).[1] Wɔtumi de kyerɛ awerɛhoɔ, ɔyaw, ahodwiri, abufuo anaa ɔpɛ a yɛmpɛ biribi. Wɔnam saa nteamudeɛ yi so kyerɛ sɛ asɛm anaa nsɛm bi a yɛde kyerɛ sɛdeɛ adeɛ bi te anaa yɛhu na yɛde nteamu anaa nnyegyeeɛ dendeenden na ɛka. [2]

Sɛ yɛhunu anigyedeɛ, anwanwadeɛ anaa biribi a ɛte saa a, yɛwɔ nsɛm bi a yɛde kyerɛ sɛde ɛka yɛn fa na mpɛn pii no, yɛde nteamu na ɛda no adi. Nteamu tumi yɛ ankorankorɛ nsɛm, kasasin anaa ɔkasamu bi a wɔatwa no tia anaasɛ nso ɔkasamu bi mpo. Atwerɛfoɔ de nteamu di dwuma pii wɔ kasadwini.[3]

Ne dwumadie

[sesa]

Yɛtumi de nteamu kyerɛ anigyeɛ anaa ahosɛpɛ (oo !, yoo!, ee!, wiɛ!). Yɛtumi nso de nteamu kyerɛ abufuo anaa ɔpɛ a yɛmpɛ biribi (tweaa!, oo!, kosɛ!, fee!). Yɛtumi de nteamu kyerɛ awerɛhoɔ anaa ɔhaw (hmm!, ayi! Aa! buee! Agyee!). Yɛtumi de kyerɛ ahodwiri, anwanwasɛm anaa ɛhu (ei!, bue!, buee!, aa!)

Yɛtumi de si ɔkasamu bi a ɔhyɛ wom so dua (kɔ ɛ!, oo! Twɛn me a!) yɛtumi de pam mmoa, anomaa ne adeɛ (kai!, hai hai!, kae kae!, Suu suu!).

Yɛtumi nso de di dwuma wɔ nkɔmmɔbɔ mu nso. Nhwɛsoɔ; Oh! Anigyesɛm bɛn ni!, Agya ee! ne Oh! Wiase bi ni. [4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Liticia, A. B. (2012). Akanfoɔ Amammerɛ ho adesua ahodoɔ bi (no publisher).
  2. Prempeh, A. A. (2016). Akanfoɔ Amammerɛ ne Akan Kasadwini ( Comprehensive notes on customs and institutions and oral Literature for Senior High Schools. Premsco Series, Ghana.
  3. Afoakwa, k. (2014). Akan kasadwini ho adesua bi: (Unpublished).
  4. BOATENG A. A (2020) OKOFO ASENSO NWOMA ‘BATAKARI ADƆƆSO’ MU MPƐNSƐMPƐNSƐMU: EMU AKANFOƆ NSƐMPƆTITIRE, AMAMMERƐ, KASASU NE AGORƆMMA, Mphil Thesis, UEW