Jump to content

Ntam Ka

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ mu no, ntam a yɛka ho hia pa ara, ɛka Akanfoɔ amammerɛ ho.Na ɛyɛ adeɛ baako a Akanfoɔ ntoto nase koraa.[1] Ntam yɛ abususɛm, atoyerɛnkyɛm,nkoguo,amanehunu,awerɛhosɛm,owufumu,ɔyaredɔm,nsane yareɛ anaa akwanhyia a ɛtoo onipa bi anaa nnipa bi,abusua bi anaa ɔman bi wɔ berɛ bi a atwa mu a ne yaw nti wɔmpɛ sɛ wɔbɛte ho asɛm bio ɛfiri sɛ abɛyɛ amanehunu no agyinahyɛdeɛ. [2]Wɔsusu sɛ, sɛ obi bɔ saa berɛ anaa beaeɛ no so a, ɔkae ateasefoɔ a wɔnnim anaa wɔntee saa asɛnyaw no. Ɛno nti wɔnpɛ sɛ obi bɛbɔ so koraa.[3]

Ntam Abɔseɛ

[sesa]

Asɛmfua ntam firi adeyɛ asɛm "tam" mu, deɛ yɛka no brɔfo kasa mu sɛ "to lift".Wei nti asɛmfua ntam gyina hɔ ma nsɛm bi a ɛmu yɛ duru anaa ɛso na ɛyɛ den ma onipa ano sɛ ɛbɛkukuru anaa bɛpagya aka ho asɛm.[4]

Ntam Ahodoɔ

[sesa]

Ntam kumaa

[sesa]

Ntam kumaa yɛ nsɛm bi a ɛtoo ankorɛankorɛ,abusua,kuro ketewa anaa Odikuro bi. Sɛ obi ka ntam kumaa gu afoforɔ so a,ɛmu amanenya ntaa nyɛ kuntann ɛfiri sɛ ntam kumaa ne ɔman akonnwa nni twaka biara nti. Na ɛtɔ da mpo a amanenya ntaa mma ho. Nhwɛsoɛ ahodoɔ;

  • Sɛ obi de n’awofoɔ abrabɔ mu haw,yadeɛ anaa owuo bɛyɛ ntam.Sɛ ebia: "meka m’agya adaka".
  • Sɛ obi de ne yadeɛ anaa asetena mu nsɛnyaw bi bɛyɛ ntam. Sɛ ebia: "meka m’ani a anhunu adeɛ da".
  • Obi nso tumi de n’adwuma mu nsɛm yɛ ntam. Sɛ ebia: "meka me nsam sekan,twerɛdua ne deɛ ɛkeka ho".

Ntam kɔkɔɔ anaa ntanturodoo

[sesa]

Ntam kɔkɔɔ ne asɛm anaa amanehunu bi a ɛtoo ɔman bi anaa ɔberempɔn bi,na wɔde ayɛ ntam ama ɔman mu no nyinaa. Ɛgyina hɔ ma ɔmanhene anaa ɔberempɔn bi ntam.

Ntam kɔkɔɔ abɔseɛ

[sesa]

Ntam kɔkɔɔ abɔseɛ tumi yɛ deɛ ɛdidisoɔ yi;

  • Ɔyaredɔm
  • Nkoguo
  • Mpatuwuo
  • Owuo
Ntam kɔkɔɔ ho asotwe
[sesa]

Ntam kɔkɔɔ ho asotwe so sene ntam kumaa.Asotwe ahodoɔ no bi ne;

  • Nsatuo
  • Sikatua
  • Dwantua
  • Asutwa
  • Sɛpɔw/owuo.

Ɛkwan A Wɔfa So Ka Ntam

[sesa]

Ɛkwan a wɔfa so ka ntam yɛ ahodoɔ mmienu. Wɔne ntam hunu ne ntam turodoo.

Ntam hunu

[sesa]

Ntam hunu ne sɛ obi aka ntam wɔ mmerɛ a ɛnsɛ sɛ anka ɔka. Sɛ ebia; obi aka ntam wɔ atorɔsɛm ho. Ɛno Akanfoɔ fa no sɛ ntam hunu.

Ntanturodoo anaa ntam pa

[sesa]

Wei ne ntam a amammerɛ, beaeɛ ne berɛ ma obi ho kwan ma ɔka.Ntam pa gu ahodoɔ beberee.Ɛbi ne;

  • Ɔhenpɔn nsuaeɛ
  • Ɔhenkumaa nsuaeɛ
  • Ɔko berɛ
  • Ɔhenpɔn bi ayie ase nsuaeɛ
  • Ɔkɔmfoɔ foforɔ nsuaeɛ
  • Asɛnnibea ne
  • Ntam a yɛde hunahuna/pere adeɛ.

Ntam Nhyehyɛeɛ

[sesa]

Ntam ka wɔ nhyehyɛeɛ mmiɛnsa. Weinom ne;

  • Ahyɛaseɛ anaa sɛ ɔfrɛ
  • Mfinfini
  • Awieeɛ

Ntam Wura

[sesa]

Ntam biara wɔ ne wura ɛfiri sɛ, ntam biara wɔ n’abɔseɛ. Na mpɛn pii no ntam abɔseɛ gyina onipa bi so. Nhwɛsoɔ ahodoɔ;

  • Ɔman bi ntam- Ɔmanhene
  • Abusua bi ntam- Abusuapanin
  • Kuro bi ntam- Odikuro
  • Ankorɛankorɛ ntam- Ankorɛankorɛ.

Ntam Tumi

[sesa]

Ntam wɔ baabi a ne tumi duru.Akanfoɔ nim pefee sɛ ntam kumaa wɔ tumi sɛdeɛ ntam biara wɔ tumi no, nanso ntam kumaa ntumi ntra hyeɛ,ɛwɔ baabi a ne tumi kɔpem. Ne saa nti no, abusua bi ntam yɛ kɛseɛ wɔ saa abusua no na ɛntra nkɔ abusua foforɔ mu. Saa ara na ɔman bi ntam yɛ kɛseɛ wɔ saa ɔman no na ɛntra nkɔ ɔman bi so.

Ntam nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Asante- Meka Memeneda
  • Asante- Ntam Kɛseɛ Mmiɛnsa
  • Akyem- Meka Wukuada ne Kwanyako
  • Fante- Meka Oguaa ne Wukuada
  • Mampɔn- Yawoɔda
  • Bantama- Ntwoma.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. K. Agyekum (2004-07), Ntam 'reminiscential oath' taboo in Akan (in English), retrieved 2025-07-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. Barfuo Abayie Boaten (1998), "The Asafo and the Use of 'Ntam' in Conflicts and Conflict Resolution in Asante", Transactions of the Historical Society of Ghana, no. 2, pp. 29–38, ISSN 0855-3246, retrieved 2025-07-09
  3. ntam in English - Twi-English Dictionary | Glosbe (in English), retrieved 2025-07-09
  4. ilovetomeditateonadinkra_zyk6rw (2021-05-11), Ntam - Akan (Twi) Dictionary (in American English), retrieved 2025-07-09