Jump to content

Nsawosoɔ

Ɛfi Wikipedia

Nsawosoɔ yɛ kasasu a yɛde kyerɛ nnoↄma mmienu bi a wɔkↄ pε anaa sε wↄbↄ abira wↄ beaeε anaa berɛ bi mu na yɛfrɛ no parallelism wɔ Borɔfo Kasa mu. Ɛbi nso wↄ hↄ a, nsεmfua anaa kasasini a εwↄ nsensaneeε a εdi kan no mu no na yεti mu wↄ nsensaneeε a εtↄ so mmienu no mu.[1] Wɔtaa de saa kasasu yi di dwuma wɔ kasadwini ahodoɔ pii mu.

Nsawosoɔ ho mfasoɔ

[sesa]

Nsawosoɔ boa ma atiefoɔ tumi kaekae nneɛma bi te sɛ nnwom bi mu nsɛm. Bio nso, ɛboa ma yɛhunu nsonsonoeɛ a ɛwɔ nsɛmfua bi ntam ne sɛdeɛ ɛne nsɛm a ɛwɔ birbi te sɛ abɛbusɛm ne nnwom mu bɛsaesae fɛfɛɛfɛ ama nnwom no adi mu.[2] Yei ho nhwɛsoɔ bi ne Osuo tɔ a, awia mmɔ, awia bɔ a, osuo ntɔ. ne Sua biribi na biribi nsua wo. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Amponsem, K. (2018). Sɛdeɛ Daddy Lumba de Akan kasasuo di dwuma wɔ ne nnwom bi mu.
  2. https://ir.uew.edu.gh/handle/123456789/4791
  3. WRITTEN LITERATURE OF TWI.pdf