Jump to content

Nsatea Kawa

Ɛfi Wikipedia

Nsatea Kawa yɛ kawa a nnipa pii ɛnkanka ahemfo de hyɛ wɔn nsatea na ɛboa ma wɔtumi hunu ɔhene bi kɛseɛ, abusua anaa ntɔn korɔ a ɔdɔm. Saa kawa yi nso boa wɔn ahosiesie.[1]

Nsatea kawa ahodoɔ

[sesa]

Nsatea Kawa ahodoɔ yi bi na ɛdidisoɔ yi. Saa kawa ahodoɔ yi, ahemfo na wɔtaa hyɛ. [2]

  • Ɔsebɔ kawa a ɛkyerɛ akokoduro
  • Pitire kawa a ɛkyerɛ anidie a ɔhene ketewa de ma ne ɔhenempɔn
  • Gye Nyame kawa a ɛkyerɛ sɛ Nyankopɔn tumi yɛ adeɛ nyinaa
  • Asommorɔdwe kawa
  • Dɛnkyɛm kawa
  • Nsoroma kawa
  • Akyekyedeɛ a nwa ne etuo si ne so kawa
  • Mfofo kawa
  • Pirammire kawa
  • Anomaa a etuo hyɛ n’ano kawa
  • Yenyankyerɛ kawa
  • Apɔnkyerɛnne kawa
  • Tikora anaa nipa ti kawa
  • Bi nka bi a bi nso nka bi kawa
  • Sankɔfa kawa
  • Dua afe kawa

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Agyemang ( 2006). Akanfoɔ Amammerɛ unpublished.
  2. D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English)