Jump to content

Nsamantoa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nsamantoa yɛ nneɛma a Akanfoɔ gye di no mu baako[1]. Akanfoɔ gye di sɛ nsamanfoɔ wɔ tumi sɛ wɔfrɛ ateasefoɔ ma wɔkɔdi asɛm wɔ asamando[2].

Asɛmfua Nsamantoa Abɔseɛ

[sesa]

Asɛmfua nsamantoa ase firi nsɛmfua mmienu mu; saman ɛna toa. Sɛ obi bɛtoa nsamanfoɔ wɔ asamando. Ɛrekame ayɛ sɛ nsamantoa ne owuo sɛ pa ara. Ɛsiane sɛ, ne nyinaa mu no, tebea a onipa no kɔ mu no yɛ baako. Wɔda nnahɔɔ te sɛ deɛ wawu no ara. Deɛ ɛma nsamantoa da nso firi owuo ho ne sɛ, nsamantoa mu no, onipa no honhom kɔ asamando a, ɛtumi san ba asase so bio. Owuo deɛ, sɛ onipa wu a, ne honhom kɔ asamando a ɛmma asase bio. Afei nso, sɛ obi wu na sɛ wɔabam ne nipadua no a, akyɛ ara ne nnanu, ɔbɛhyɛ aseɛ asɛe. Nsamantoa nso mu no, onipa no nipadua tumi da hɔ bɛyɛ nnawɔtwe mmienu wɔ berɛ a ɔnsɛe. Gye sɛ wadi fɔ ma waka asamando hɔ ansa na ne nipadua no ahyɛ aseɛ asɛe[3].

Nsamantoa Botaeɛ

[sesa]

Botaeɛ a nsamantoa nam so ba ne sɛ, nsamanfoɔ frɛ ateaseɔ ma wɔkɔdi asɛm[4]. Deɛ ɛdi yei ba ne sɛ, sɛ obi wu na ɔde n'akyi gya obi na sɛ odiadefoɔ no anhwɛ n'akyi yie a, wɔfrɛ no ma ɔkɔyi n'ano wɔ asamando. Sɛ ɔdi bem a, nsamanfoɔ bɛsan ama no aba asase so. Sɛ ɔdi fɔ nso a, wɔnsan mma no mma asase so bio[5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Stephen Baffour Adjei, Mensah Adinkrah, Anthony Mpiani (2024-05-27), "Gendered mourning: A perspective of Akan death culture in Ghana", Death Studies, vol. 48, no. 5, pp. 478–488, doi:10.1080/07481187.2023.2236983, ISSN 0748-1187, PMID 37477613, retrieved 2025-08-24 {{citation}}: Check |pmid= value (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-24
  3. Stephen Baffour Adjei, Mensah Adinkrah, Anthony Mpiani (2024-05-27), "Gendered mourning: A perspective of Akan death culture in Ghana", Death Studies, vol. 48, no. 5, pp. 478–488, doi:10.1080/07481187.2023.2236983, ISSN 0748-1187, PMID 37477613, retrieved 2025-08-24 {{citation}}: Check |pmid= value (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. Stephen Baffour Adjei, Mensah Adinkrah, Anthony Mpiani (2024-05-27), "Gendered mourning: A perspective of Akan death culture in Ghana", Death Studies, vol. 48, no. 5, pp. 478–488, doi:10.1080/07481187.2023.2236983, ISSN 0748-1187, PMID 37477613, retrieved 2025-08-24 {{citation}}: Check |pmid= value (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Google Scholar, retrieved 2025-08-24