Jump to content

Nsamanseɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nsamanseɛ yɛ nkrataa a wɔgye to mu a ɛkyerɛ sɛdeɛ nnipa pɛ sɛ wɔn agyapadeɛ, wɔn ahonya ne wɔn nneɛma binom no wɔbɛhwɛ so yie na wɔakyɛ ama n'abusua berɛ a wɔnni ateasefoɔ asase so.[1][2][3]Saa krataa yi na ɛma kwan ma deɛ agyapadeɛ no yɛ no dea no kyerɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔdi n'adeɛ, yi nipa a ɔbɛkyɛ n'agyapadeɛ ama n'abusua.[4][5][6]Sɛ obi reyɛ nsamanseɛ a ɔpɛ obi a ɔgye no di yie pa ara, ɛtumi yɛ ne nua anaa sɛ ne busuani ma ɔyɛ danseni ma no.

Ne Dwumadie

[sesa]
  • Nsamanseɛ hyɛ aseɛ yɛ adwuma berɛ a nipa a wayɛ nsamanseɛ no awu.[7]
  • Nsamanseɛ fa agyapadeɛ nyinaa ho. Ɛbi te sɛ; sika, adan, nsase, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.
  • Ɛwɔ sɛ nipa a ɔreyɛ nsamanseɛ no yɛ obi a n'ani afi na n'adwene mu da hɔ nso. Na ɔwie a, deɛ wayɛ nsamanseɛ no de ne nsa ahyɛ aseɛ, akyerɛ ɛda a ɔde yɛɛ saa krataa no, a danseni wɔ hɔ. Ɛno na ɛma nsamanseɛ no di mu yie.[8]
  • Nsamanseɛ tumi yɛ kakraa bi anaa sɛ ɛtumi yɛ kyenkyenee. Nsamanseɛ gu ahodoɔ[9](Yɛwɔ holographic,joint, ne serviceman nsamanseɛ).

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. minkapremo (2025-03-20), What is a Will? - MPOBB (in American English), retrieved 2025-07-24
  2. What is a Will? | CDC Foundation (in English), retrieved 2025-07-24
  3. What Is a Will, What Does It Cover, and Why Do I Need One? (in English), retrieved 2025-07-24
  4. Rachel Christian (2024-06-20), What Is A Will And Why Might You Need One? (in American English), retrieved 2025-07-24
  5. What Is A Last Will & Testament? Purpose & Types, retrieved 2025-07-24
  6. DO&JCD: Master/Wills, retrieved 2025-07-24
  7. Will: What It Means, How It Works, and Requirements (in English), retrieved 2025-07-24
  8. Citizensinformation.ie, Making a will (in English), retrieved 2025-07-24
  9. What Is a Will, What Does It Cover, and Why Do I Need One? (in English), retrieved 2025-07-24