Nsamankɔm
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nsamankɔm yɛ honhom mu nneɛma a Akanfoɔ gye di no mu baako[1].
Asɛmfua ''Nsamankɔm'' Abɔseɛ
[sesa]
Asamfua no firi nsɛm mmienu mu, ''saman'' ɛna ''akɔm''[2]. Saman yɛ owufoɔ bi honhom a wɔsusu sɛ ɛwɔ tumi a ɛdi di dwuma bi. Ɛna akɔm nso yɛ tebea bi a, sɛ obi kɔ mu a, ɔno ankasa ntumi nhyɛ ne ho so. Ne nneyɔeɛ a ɔyɛ nyinaa yɛ deɛ tumi bi fa ne mu yɛ. Nti yɛka mmiɛnu no bɔ mu a, kyerɛ sɛ nsamankɔm yɛ sɛ saman bi fa onipa obi a ɔnwuiiɛ so di dwuma bi [3]
Berɛ a Nsamankɔm Si
[sesa]Ayie ase na nsankɔm saa si. Berɛ a ɛtaa ba ne berɛ a amu no da kɛtɛ so. Mpɛn pii no, ɛyɛ a na nipa a ɛbɛsi ne so no nyɛ abusuani.
Sɛ obi wu na sɛ obi foforɔ nim ne wuo ne ho bi a, ne saman tumi bɛsi obi a ɔnyɛ abusuani so ma ɔkaadeɛ a ɛkumm no. Ɛno na wɔfrɛ no nsamankɔm[4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-24
- ↑ Kofi Agyekum (2020-10-15), "Akan cultural concepts and expressions for "stress", "distress", "sorrow", and "depression"", Nordic Journal of African Studies (in English), vol. 29, no. 3, pp. 21–21, doi:10.53228/njas.v29i3.546, ISSN 1459-9465, retrieved 2025-08-24
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-24
- ↑ Alice Boateng, Linda Anngela-Cole (2012-12-01), "Socio-Economic Transformation of Akan Funeral Rites in Ghana: The Changing Process", OMEGA - Journal of Death and Dying (in English), vol. 65, no. 4, pp. 281–309, doi:10.2190/OM.65.4.c, ISSN 0030-2228, retrieved 2025-08-24