Nsaguo
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nsaguo yɛ ɔkwan a Akanfoɔ nam so de wɔn ahiasɛm to Onyankopɔn ne nananom anim.[1]Wɔnam nsamanfoɔ, Asase Yaa, ahonhom ahodoɔ ne abosom so.[2] Sɛ wɔrebɔ mpaeɛ no a, wɔde nsa gu fam,ɛno nti na yɛka sɛ wɔregu nsa. Mpaeɛ yi ne ɔkwan a Akanfoɔ fa so ne Onyame ne ahonhom nkaeɛ no di nkitaho. Wɔde srɛ adeɛ firi Onyame, abosom ne nsamanfoɔ hɔ.[3][4]
Berɛ a wɔyi apaeɛ
[sesa]Ɛnam sɛ Akanfoɔ wɔ gyidie wɔ Onyankopɔn,nsamanfoɔ,Asase Yaa ne ahonhom mu nti, wɔwɔ berɛ pɔtee a wɔde yi apaeɛ anaa sɛ wɔgu nsa de wɔn ahiasɛm to wɔn anim. Berɛ a ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ berɛ a wɔde gu nsa;
- Bragorɔ
- Awaregyeɛ
- Awareguo
- Ayiyɔ
- Akwantuo berɛ
- Abadintoɔ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.
Nnipa a wɔtumi gu nsa
[sesa]Akanman mu no,ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔtumi gu nsa. Yɛwɔ nnipa kuo pɔtee bi a wɔwɔ ho kwan sɛ wɔdi saa dwuma yi.[5] Wɔn ne;
- Ahemfo
- Akyeame
- Nsumankwaahene
- Abusuampaninfoɔ
Nsaguo nhyehyɛeɛ
[sesa]Nsaguo nhyehyɛeɛ kyerɛ sɛdeɛ wɔgu nsa firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ.Akanfoɔ nsaguo wɔ nkyekyɛmu nnan. Weinom ne;
- Ɔfrɛ; Sɛ obi regu nsa a, ɔdi kan frɛ Onyankopɔn, Asase Yaa, abosom, nsamanfoɔ ne ahum ne aham sɛ wɔnmɛtie wɔasɛm mma wɔn.Ɛno ne ɔfrɛ no.
- Amanebɔ; Afei wafrɛ ahonhom no awie no,ɛha na wɔka deɛ enti a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no. Wɔka wɔn ahiasɛm kyerɛ ahonhom no.
- Nnome/Nhyira; Wɔsrɛ nhyira ma wɔn adɔfo na wɔtumi dome wɔn atamfo nso.
- Awieeɛ; Wɔde wɔn nsɛmkaeɛ no ba awieeɛ na wɔda ahonhom no ase sɛ wɔatie wɔn.
Nsaguo mu ɔyɛkyerɛ
[sesa]- Nsaguo mu ɔyɛkyerɛ gyina hɔ ma ɔkwan a wɔfa so gu nsa. Sɛ obi rebɛgu nsa a, ɔhunu sɛ ɔgyina Onyankopɔn ne nananom anim. Wei nti ɔde obuo ne ahoteɛ na ɛgyina wɔn anim. Na wɔnsere nso sɛ ɛyɛ anigyesɛm mpo a wɔnsere ɛfiri sɛ saa berɛ no ɔgyina Onyankopɔn ne nananom anim. Na sɛ ɛyɛ dabɔne a, oniiko no fura kɔbene na ɔworɔ ne mpaboa. Afei ɔkwaha ne ntoma na ɔtia so kakra.
- Wɔde broni nsa, nsafufuo anaa sɛ apeteshie na ɛgu nsa gye sɛ ɛyere so pa ara na wɔde nsuo yi apaeɛ ɛfiri sɛ adeɛ a wɔde nsa yɛ no wɔnfa nsuo nyɛ.
- Afei ɔkasa anidie kwan so. Ɔtumi de abɛbuo ba ne kasa no mu.Na nipa a ɔgyina ne nkyɛn no gyegye ho sɛ wiɛ!, wiɛ! de hyɛ ɔyɛfoɔ no nkuran.
- Sɛ wɔregu nsa nso a,wɔdi kan de nsa no bi gu fam na ɔde n’akyi akyerɛ mpaninfoɔ na ɔde n’anim ahwɛ nkwankwaa. Wei kyerɛ sɛ mpaninfoɔ ne nkonnwa no mmɛgyina n’akyi akyigyina pa.
- Onwunu dwo a, yɛnfrɛ nsamanfoɔ nti wɔngu nsa anwummerɛ.[6]
Nsaguo ho nhwɛsoɔ
[sesa]Onyankopɔn Twediampɔn Kwame
Asase Yaa
Abosonnuasa nyinaa,nsa
Aduanafoɔ nsamanfoɔ,nsa
Yɛafrɛ baako yi,yɛnim sɛ mmusua a aka no nyinaa ate
Yɛahyia ha a, na ɛyɛ anigyeɛ so koraa
Ɛnnɛ yi mo ba Yaw Boadu ne ne yere Akosua Mansa
Aware awo ba barima a yɛroto no din
Yɛsrɛ mo nkyɛn ɔnyinikyɛ ma no
Mommɛdom ne nyansa ne nimdeɛ a mode buu ɔman yi bi
Na momma no atuwohoakyɛ honhom
Mommma ɔnmmɛyɛ ɔyɛkyerɛ nkɔ
Ɔmɛnyini no abaduasa
N’awofoɔ nso,yɛsrɛ nyansa ne nimdeɛ ma wɔn
Momma wɔn ahoɔden ne boasetɔ
Yɛn a ahyia ha nyinaa nkwa so
Ɔtamfo a ɛkaa ɔno nko ɔse Yaw Boadu reto ne ba din
Enti adeɛ bɛyɛ ne yere ne ne ba deɛ
Yɛsrɛ mo sɛ monfrɛ saa nipa no na montu no fo
Momma nsuo a ɛnni anwea mmɛfa no awia ketee
Na yɛn nso de asabɔne akɔ n’ayie
Nsa ni oo!!
Nsa.
Nsaguo ho mfasoɔ
[sesa]- Ɛda Akanfoɔ gyidie adi.
- Ɛma yɛne ahonhom di nkitaho na yɛnya wɔn nkyɛn mmoa.
- Ɛma yɛnya anidasoɔ wɔ abrabɔ mu.
- Ɔkwan a wɔfa so srɛ Onyankopɔn ne nananom mmoa ne nhyira.
- Ɛma nnipa nya honhom mu ahoɔden ne ahobammɔ.
- Ɛboa ma abusua ne kurom nyinaa nya asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ.
- Ɛma Akanfoɔ bɔ wɔn ho ban firi bɔne ne amanehunu ho.
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2025-07-10
- ↑ Akanfoɔ agorɔ ahodoɔ 11 binom (in American English), 2022-10-29, retrieved 2025-07-10
- ↑ https://www.gauthmath.com/solution/1801843008310278/2-Akanfo-amammer-no-bi-ne_-A-nsaguo-B-k-k-b-C-ko-D-danta?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-10
{{citation}}: Missing or empty|title=(help) - ↑ Eva I. Shaw-Taylor, Nsaguo: An Ancestral Ritual Of Communication (in English), retrieved 2025-07-10
- ↑ Odwirafo (2020-06-14), [Classroom] AKANFO NANASOM: Ancient Authentic Akan Ancestral Religion - Week 1, retrieved 2025-07-10
- ↑ Akan Religion | Encyclopedia.com, retrieved 2025-07-10