Jump to content

Nsaa(Adinkra)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nsaa
Adinkra symbol
part ofAdinkra Ahyɛnsodeɛ Sesa
titlensaa Sesa

Nsaa yɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne a akye din pa ara no mu baako.

Ne Nkyerɛaseɛ

[sesa]

Egyina hɔ ma adeɛbi di a ɛdi mu. Nsaa ankasa yɛ asɛmfua bi a yɛde gyina hɔ ma mudie anaa adeɛ bi a ɛdi mu. Ne nkyerɛaseɛ no da adi wɔ Akan kasabɛbuo bi mu. Ɛno ne "Nea ɔnnim nsaa na ɔtɔ n'ago,".  Saa nkyerɛmu yi firi W. Bruce nwom a watwerɛ afa Adinkra ahyɛnsodeɛ ho no mu. [1] Kyerɛ sɛ, obi a ɔnnim adepa na ɔtɔ sɛbe, adefo. Saa nsɛnkyerɛnne yi yɛ ahyɛnsodeɛ a yɛde gyina hɔ ma saa ɛbɛ yi. [2][3] Yei kyerɛ sɛ, yɛbɛtumi de nsɛnkyerɛnne no agyina hɔ ama mudie wɔ akwan nyinaa so. [4]

Sɛdeɛ yɛadi kan aka no, Nsaa yɛ ahyɛnsodeɛ bi a yɛde gyina hɔ ma adeɛ bi a ɛdi mu. Ɛrekyerɛ yɛn sɛ, berɛ biara no ɛsɛ sɛ obi pere pɛ adepa[5][6]

Baabi a Ɛfiri

[sesa]

Nsaa ahyɛnsodeɛ no kɔfabae ne Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana anaafoɔ fam. Ɛno nso ka Adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ a Ghamanfoɔ a wɔwɔ Ghana Bono mantam de baeɛ no ho. Asɛmfua nsaa ho abakɔsɛm deɛ, wɔnhyɛɛ da nnaa no adi. Deɛ ɛwɔ hɔ ara ne sɛ asɛmfua ''nsaa'' no sɛ yɛde di dwuma sɛ edin asɛm (noun) a, aseɛ kyerɛ adeɛ bi a ɛdi mu [7]

Ne Dwumadie

[sesa]

Nsaa agye din pa ara wɔ Ghana adwini mu. Adwumfoɔ de yɛ nneɛma pii. Ɛba no ntomanwono mu a, nsaa yɛ nsɛnkyerɛnne a wɔde di dwuma pa ara no mu baako. Ɛnyɛ na koraa sɛ wobɛhunu sɛ ɛdeda nkorɔfoɔ ntoma mu. Wɔn a wɔde nnɛteɛ nwono nneɛma no nso de di dwuma pa ara. Ɛnyɛ na wɔ afiefie ho, titiriw, ahemfie.[8][9]

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Adinkra Symbols of West Africa: Nsaa, retrieved 2025-05-30
  2. Adinkra Symbols | U-M LSA Department of Afroamerican and African Studies (DAAS) (in English), retrieved 2025-05-30
  3. Shop by Adinkra Symbol (in English), retrieved 2025-05-30
  4. Shop by Adinkra Symbol (in English), retrieved 2025-05-30
  5. Adinkra Symbols | U-M LSA Department of Afroamerican and African Studies (DAAS) (in English), retrieved 2025-05-30
  6. Shop by Adinkra Symbol (in English), retrieved 2025-05-30
  7. Instagram, retrieved 2025-05-30
  8. Nana Kwabena (2020-09-15), Nsaa (in English), retrieved 2025-05-30
  9. Nana Kwabena (2020-09-15), Nsaa (in English), retrieved 2025-05-30