Nsa (Alcohol)
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nsa (ethanol) yɛ adeɛ a ano yɛ den a wɔde asikyire ne starch a ɛfiri aburo, nnuaba, anaa nhabannuro mu na ayɛ. Ɛno ne adeɛ titire a ɛwɔ nneɛma binom te sɛ beer, bobesa, ne spirits mu. Bio wɔtumi de asikyire a aburu wɔ nnua bi te sɛ barley ne grape nso yɛ.[1][2][3]
Nsunsuansoɔ A Nsa De Ma Nipadua
[sesa]- Nsa nam yafunu ne nsono ketewa no mu na ɛfa nipadua no mu nyinaa.
- Na brɛboɔ no nso de ayɛ adwuma. Na dɔnhwere baako biara no, brɛboɔ no de nsa dodoɔ a akɔ nipadua no mu na ɛyɛ adwuma a ɛnfa ɔhare so na ɛyɛ na mmom ɔto ne no ase na ɛdi saa dwuma no.
- Nsa ma adwene mu dwumadie no kɔ fam; ɛnma wontumi nnwene yie, wo kasa mpo nsisi so, nanteɛ nso bɛyɛ wo den ɛfiri sɛ honam no mu nnompe a ɛboa ma nipa tumi nante no nyinaa bɛyɛ mmerɛ.[4]
- Sɛ nipa nom nsa a,ɛboro nipadua no.Na ɛma woyɛ bɔtee anaa sɛ w’ani so yɛ hyehyeehye kyɛn sɛdeɛ ɛsɛ ɛyɛ.
- Onipa a ɔnom nsa pii no, nsa no bɛyɛ awuduro ma nipadua. Na nsunsuansoɔ a nipa no nya no bi ne; ɛfeɛ,ne home no nsisi so, ɔyɛ merɛ paa na mpo ɔtumi wu.[5]
- Nsunsuansoɔ a ano yɛ den a nsa de ma nipadua no ne sɛ ɛsɛe brɛboɔ na ɛsɛe akoma nso.[6]
Statistiks
[sesa]- Wɔ afe mu wɔ wiase afanaa nyinaa no, nnipa a nsa kum wɔn no bɛyɛ ɔpepem mmienu akyiripɔ nsia (2.6million). Na wɔn a ɛkum wɔn pa ara yɛ wɔn a wɔadi mfeɛ bɛyɛ aduonu kɔsi aduasa nkron.
- Nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepem ahannan wiase afanaa nyinaa na nsanom abɛyɛ wɔn su a wɔntumi nnyae. Ɛne wɔn mogya no afa a ɛno nti wɔanya bi a wɔntumi ntena. Na ɛho ayarehwɛ no nso yɛ kakra bi.
- Wɔn a wɔnom nsa pa ara no taa nya akomayareɛ ne mogyaborosoɔ.[7]
Mmara Mu
[sesa]Wɔn a mmara ho kwan ma wɔtumi nom nsa yɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekɔ wɔ U.S aburokyiman mu ne aman ahodoɔ so.[8]
Mfasoɔ
[sesa]Abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ susu sɛ ɛwɔ sɛ nsa kakra ba nipadua no mu nanso saa mfasodeɛ yi mmoro ɛho nsunsuansoɔ a ɛde brɛ nnipa no so.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ FoundMyFitness (2024-07-03), The Truth About Alcohol: Risks, Benefits, and Everything In-Between, retrieved 2025-07-17
- ↑ What is Alcohol? - AOD - Alcohol & Other Drugs Services - Grand Valley State University, retrieved 2025-07-17
- ↑ 30 Facts About Alcohol, Plus 5 Myths: Statistics and More (in English), 2018-04-16, retrieved 2025-07-17
- ↑ Alcohol's Effects on the Body | National Institute on Alcohol Abuse and Alcoholism (NIAAA), retrieved 2025-07-17
- ↑ Alcohol and Health (in English), 2018-10-29, retrieved 2025-07-17
- ↑ Alcohol (in English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Alcohol and Blood Pressure: Everything You Need to Know (in English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Alcohol (for Teens) (in English), retrieved 2025-07-17