Jump to content

Nsɛnkyerɛnne a ɛkasa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Akanfoɔ wɔ akwan ahodoɔ pii a wɔfa so kasa. Ɛtɔ da a, ɛnyɛ ano nko ara na wɔde kasa. Ɛbi wɔ hɔ a, wɔde nsɛnkyerɛnne ahodoɔ na ɛkyerɛ. Nsɛnkyerɛnne yɛ nnyinahoma a yɛde biribi a aniwa tua agyina hɔ ma asetena mu nsɛm ne atinka ahodoɔ. Yɛwɔ nsɛnkyerɛnne a ɛne deɛ ɛgyina hɔ ma no wɔ twaka. Ɛbi wɔ hɔ nso a, ne fa baabi na ɛgyina hɔ ma no. Akanfoɔ nam akwan ahodoɔ so na ɛkasa kyerɛ nnipa ma wɔte aseɛ.[1]

Nsɛnkyerɛnne Ahodoɔ A Ɛkasa

[sesa]
  • Ahahanguo: sɛ nnipa mmienu rekɔ baabi na sɛ baako di kan a, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a baako no bɛhunu faako a ɔfaeɛ no, sɛ ɔduru nkwanta bi so a ɔtumi gu no ahahan de kyerɛ baabi a ɔfaeɛ. Sɛ onipa a ɔbɛba akyire no bɛhunu ahahan no a, ɔte aseɛ sɛ ne nua no abɛsene atwa mu. Tebea a ahahan no wɔ mu no ma ne nua no hunu berɛ a ne nua no bɛseneeɛ.[2][3]
  • Ɛhyeɛtoɔ: Akanfoɔ tumi de aborɔbɛ, ntɔmmɛ, nhwiren ahodoɔ anaa sɛ nkrandedua to hyeɛ. Sɛ ɛtɔ da bi mpo a, wɔde nnua akɛseɛ te sɛ odum, wawa tumi anaa nnua a ɛrefefɛ te sɛ ntɔmmɛ,abɛ to ɛhyeɛ.Baabi nso wɔ hɔ a, wɔtumi de mpɛntoa hyehyɛ fam de kyerɛ hyeɛ.
  • Mmerɛnkɛnso: sɛ obi de mmerɛnkɛnso kɔsi asase bi so a, na ɛkyerɛ sɛ wasum fidie kɛseɛ bi wɔ saa beaeɛ hɔ. Wɔtumi nso de mmerɛnkɛnso si ɛsie bi a mmire afifiri so de kyerɛ sɛ obiara nni ho kwan sɛ ɔtu mmire no gye sɛ ne wura no ama wo kwan.
  • Nketesie: Sɛ abusua asase bi wɔ hɔ a busuani biara tumi dɔ bi a, nsɛnkyerɛnne ahodoɔ tumi pue mu; sɛ obi kɔsi baabi a ɔpɛ sɛ ɔdɔ a, ɔtwitwa hɔ kakra de kyerɛ sɛ wafa hɔ.Afei ɔtumi de nnua mmienu sisi hɔ bea mu anaa sɛ ɔpae dua no mu na ɔde ahahan ahyɛ mu na ɔde asi deɛ watwitwa no. Saa adeɛ yi na wɔfrɛ no nketesie no.Baabi wɔ hɔ nso a, wɔtumi bɔ nkofie de kyerɛ sɛ obi atwa hɔ afa.
  • Mmota: Mmota yɛ ɔkwan a Akanfoɔ nam so de sekan botabota nnua ho de hyɛ wuram nneɛma bi nso.Akuafoɔ a wɔrekɔsi afuo foforɔ tumi botabota nnua ho wɔ berɛ a wɔretwa sa. Abɔmmɔfoɔ nso tumi botabota nnua ho de kyerɛ wɔn akyi kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnyera.
  • Abɛtwa: Abɛtwafoɔ de asaawa tua perentoa ano de kyerɛ sɛ wɔatwa abɛ wɔ hɔ. Sɛ obi kɔ faako a wɔatwa nsa na sɛ wankɔto bɛtwani no a, ɔte nsa no bi nom na wate ahahan agu adeɛ so de akyerɛ sɛ ɔyɛ manifoɔ.
  • Apokorɛ: Apofofoɔ anaa afarefoɔ mema wɔn tabono so de kyerɛ sɛ wɔhia mmoa ɛsiane ɔhaw bi nti. Ɛtumi nso kyerɛ sɛ ebia na wɔayi nam beberee enti afoforɔ mmɛyɛ wɔn mmoa.
  • Ɔsa mu nsɛnkyerɛnne: Sɛ asafo mu akwansrafoɔ kɔduru baabi a wɔnpɛ sɛ wɔn akofoɔ bɛfa hɔ a, sɛ wɔnya aboa bi a
  • wɔku no de tua dua ano de no bɔ fam wɔ kwan a wɔnpɛ sɛ wɔn dɔm no bɛfa no so. Bio,ɛkwan a wɔnpɛ sɛ wɔfa so no, wɔtumi twa dua de bea ɛkwan no mu.
  • Asafomma ho nsɛnkyerɛnne: Sɛ asafomma de atuo ano kyerɛ fam wɔ kuro bi mu a, na ɛkyerɛ sɛ kuro no mu nnipa yɛ mmaa. Sɛ asafomma de atuduro ne abuburo kɔbɔ ɔman foforɔ bi nkaeɛ a, ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔne nya ako anaa asomdwoe; atuduro no gyina hɔ ma ako ɛna abuburo no nso gyina hɔ ma asomdwoe. Enti sɛ wɔpɛ ɔko a wɔnyi atuduro na sɛ wɔpɛ asomdwoe nso a wɔnyi abuburo.
  • Asa mu nsɛnkyerɛnne: Sɛ obi resa na ɔde n’akyi bɛtwere wo a, na ɛkyerɛ sɛ ɔdane wo. Sɛ obi nso ne obi resa na ɔde ne nsa mmienua bea mu a na kyerɛ sɛ ɔdɔ oniiko no. Ɛte sɛ deɛ baako apa n’ani akyerɛ baako.Saa na sɛ obi resa na ɔde ne nsa to ne nsa yam a na ɛkyerɛ adesrɛ.
  • Efie mmerɛnkɛnso: Kane no sɛ ɔhene bi si ababaa bi asiwa a, wɔde mmerɛnkɛnso kɔsi ababaa no fie anim de kyerɛ sɛ ɔhene adepa wɔ fie hɔ. Na ɛbɔ mmeranteɛ kɔkɔ ma wɔtwe wɔn ho firi fie na wɔagyae fie hɔ ahyɛnfie.

Mfasoɔ A Ɛwɔ Nsɛnkyerɛnne A Ɛkasa Mu

[sesa]
  • Ɛma yɛhunu deɛ enti a saa nsenkyerɛnne no wɔ hɔ.
  • Ɛboa ma nnipa hyɛ nneɛma binom nso.
  • Asase ho nsɛnkyerɛnne si mansotwe ne akasakasa ano.
  • Ɛma yɛhunnu nnipa bi diberɛ. Ɛbi te sɛ ɔhene.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 1 (in American English), 2022-12-15, retrieved 2025-07-14
  2. Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 2 (in American English), 2022-12-17, retrieved 2025-07-14
  3. Browsing Department of Akan-Nzema Education by Subject "nsɛnkyerɛnne", retrieved 2025-07-14