Nsɛngoro
Nsɛngorɔ yɛ asɛm yɛnya firii nsɛm ne agorɔ mu na ɛkyerɛ sɛdeɛ obi keka nsɛm bi bobɔ so a asɛ deɛ ɔredi agorɔ nanso na ɔnam so de asɛm reto dwa ara ne no. Wei yɛ berɛ a yɛde nsɛm bi a wɔn nnyegyeeɛ no sesɛ nanso wɔn nteaseɛ no sesa femfam ho ma ɛsisi so kamakama a dɛdɛɛdɛ.
Nsɛngorɔ ne sɛ wode asɛmfua bi redi dwuma wɔ kwan bi so a ɛde nteaseɛ mmienu ba anaa wode nsɛmfua mmienu anaa nea ɛboro saa a wɔn nnyegyeeɛ nyinaa ɛyɛ pɛ a ɛmu biara de nteaseɛ foforɔ bi reto dwa sɛdeɛ ɛde aseresɛm bɛba.
Yɛbɛtumi aka sɛ nsɛngorɔ yɛ kasamu anaa asɛm a 'kasamu baako no ara reda nteaseɛ mmienu adi a wɔn mu biara gyina ne ho so, nanso sɛdeɛ yɛhunu no no na ama no yɛ saa. Nokore mu no, ɛyɛ kasamu ahodoɔ mmienu a wɔnyɛ pɛ na wɔkura nsɛmfua soronko nso, mmom ɛrekasa sɛ baako ɛnam nnyegyeeɛ korɔ a wɔfiri mu nti.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]1.https://www.scientific.net/AMR.756-759.4721
2.https://journals.phil.muni.cz/bse/article/view/21690
3.https://gruni.edu.ge/uploads/files/Erasmus_Mundus/Forums/2th_EMF_Vol_2_2014.pdf#page=280