Jump to content

Nsɛmpɔ titire

Ɛfi Wikipedia

Nsɛmpɔ titire yɛ adwene a ɛwɔ kasadwini sj ebia; abasjm, mu a kasadwumfoɔ no de reto dwa. ɔtoaa so sɛ nsɛmpɔ titire no taa firi adwempɔ anaasɛ asɛm a kasadwumfoɔ no de reto dwa no mu. Nsɛmpɔ titire no tumi yɛ nnoɔma bi a yɛmfa yɛn ani nhunu te sɛ ɔdɔ, asiane, awerɛhoɔ, animka, owuo ne adeɛ na mpɛn pii no, nsɛmpɔ titire a ɛwɔ kasadwini bi mu tumi boro baako. Yei na yɛfrɛ no theme wɔ Borɔfo Kasa mu. [1]

Nsɛmpɔ titire bi a ɛwɔ anansesɛm mu no gyina hɔ ma nsɛm a anansesɛm no gyina so de to dwa no bi yɛ adwumayɛ, awarepa, ɔbrapa, ɔsompa, nsɛnkeka, aniha, seantie, atirimuɔden, akayɔ, ayamyɛ, mmɔdemmɔ, ɔhwɛpa, nitan ne dej jkeka ho. Ɔtwerɛfoɔ anaa ɔtofoɔ tumi de saa nsɛmpɔ titire yi tu atiefoɔ fo ma suban bi a ɛnyɛ no wɔtumi sesa firi ho. Saa nsɛmpɔ titire yi a ɛwɔ Atwerɛ kasadwini ne Ano kasadwini no boa ma ɔkenkanfoɔ no anaa atiefoɔ no hunu botaeɛ titire bi a ɔtwerɛfoɔ anaa ɔtofoɔ no reto dwa ama wafa mu aba asiane asua biribi pɔtee anaa soronko bi afiri mu.[2]

Nsɛmpɔ titire no yɛbɛtumi atwerɛ no wɔ kasamu kwan so na ɛwɔ sɛ ɛfa adwenepɔ pɔtee a ɔtwerɛfoɔ no de reto dwa. Nsɛmpɔ titire yɛ adwinneɛ bi a ɔtwerɛfoɔ no fa so nwene ne nsɛm bi na ɛboa no ma ɔhunu agorɔmma a wɔde wɔn bɛdi dwuma wɔ kasadwini bi mu. Nsɛmpɔ titire bi a ɔtwerɛfoɔ no de bɛdi dwuma no na ɛbɛma no ahunu sɛdeɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ne sɛdeɛ ɔde bɛkɔ awieeɛ ama akenkanfoɔ ate aseɛ. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Afoakwa, k. (2014). Akan kasadwini ho adesua bi: (Unpublished).
  2. Agyekum, K. (2011). Akan kasadwini. Accra: Dwumfour publication.
  3. Annan, C. J. (2004). Introduction to Creative Writing and Literary Appreciation, Accra: Lucky four Publishers.