Nsɛmmisa ne mmuaeɛ Adekyerԑ Kwan
Nsɛmmisa ne mmuaeɛ Adekyerԑ Kwan yԑ adekyerԑ kwan a akyerԑkyerԑfoↄ nam so de adesua ho nimdeԑ ma asuafoↄ berԑ a wↄde biribi to adesuafoↄ anim de hwehwԑ sԑ asuafoↄ bԑma no anya ԑso nsunsuansoↄ. Nsԑmmisa ne mmuaeԑ adekyerԑ akwan mu no, botaeԑ no nyinaa ne sԑ ԑrepԑ anya adwene mu botaeԑ bi na ԑde nimdeԑ bi apue dwa. Yei ho hia ɛfiri sɛ, nimdeԑ nyinaa wↄ abofra nkyԑn na ɔkyerɛkyerɛni no ntumi nkyerԑ biribi a abofra no nnim yie nti sɛ ɔbɛtumi ahu n'adwene a gye sɛ ɔde nsԑmmisa twetwe mmuaeԑ no.[1] Saa adesua kwan yi boa pa ara.
Nnema a ɛyɛ wɔ saa adekyerɛ kwan yi ho ne sɛ, berԑ a ɔkyerɛkyerɛni rebisa nsԑm no, ↄhunu asuafoↄ no mmↄdemmↄ, deε wↄhia ne deε wↄn ani gye ho. Afei, ɛma asuafoↄ no de wↄn ho hyԑ adesua no mu na ɔtumi de kyerԑ adeԑ wↄ gyinapԑn biara mu. Deԑ ԑnyԑ wↄ ho ne sɛ, ɛyԑ den sԑ ɔkyerɛkyerɛni bɛtumi asiesie nsԑmmisa papa ama asuafoɔ no na ɔntumi mfa nkyerԑ adesua no nyinaa.[2]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Meredith D. Gall (1970-12-01), "The Use of Questions in Teaching", Review of Educational Research (in English), vol. 40, no. 5, pp. 707–721, doi:10.3102/00346543040005707, ISSN 0034-6543, retrieved 2025-08-31
- ↑ Resa Mandaniyati (2020-01-01), The Application of Question and Answer Method to Improve the Ability of Students Achievement, retrieved 2025-08-31