Nsɛmfuafɛm
Nsɛmfuafɛm yi yɛ berɛ a yɛrefa asɛmfua bi ɛnyɛ yɛn kasa de abɛwura yɛn nkɔmɔdie mu, yei ba wɔ berɛ a yɛnya asɛmfua bi din pɔtee wɔ yɛn kasa mu. Kasa biara tumi fɛm asɛmfua bi firi kasa foforɔ mu na sɛ wɔfɛm saa no a, wɔma ɛne wɔn kasa mmara anaa nhyehyeeɛ no yɛ pɛpɛɛpɛ na ayɛ sɛ wɔn ara kasa no. [1]
Kasa ho abenfoɔ ka sɛ asɛmfuafɛm tumi kɔ so wɔ kasa ahodoɔ mmienu a wɔnni twaka biara wɔ wɔn amammerɛ mu. Yei kyerɛ sɛ nyɛ kasa anaa kuo a wɔwɔ nkitahodie bi nko ara na wɔtumi fɛm nsɛmfua firi wɔn ho wɔn ho.[2] Wɔsane kyerɛ mu sɛ obi fɛm kasa bi a ne kasa dada no nsesa na mmom wɔ sesa kasa foforɔ no su de wɔn ankasa kasa su no bɛhyɛ mu na nsɛmfua na wɔtaa fɛm kan. [3]
Nsɛmfuafɛm yɛ adeɛ a ɛkɔ so wɔ kasa ahodoɔ nyinaa mu na sɛ kasa ahodoɔ hyia a, saa ahyiamu tumi ma obi fa asɛmfua bi a ɛnni ne kasa mu de ba ne deɛ mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, Borɔfo kasa afɛm nsɛmfua afiri kasa aduowɔtwe nnan (84) hɔ, a Frɛnkye ne kasa no mu baako titire.[4]
Bio nso, kasa bi te sɛ Akan kasa afɛm nsɛmfua bebree na afiri Borɔfo kasa mu, wɔkyerɛ mu sɛ ɛwɔ amammuo afam, agorɔ afam, adwuma afam, ɔsom afam ne nnipa asetana kwan nkae ahodoɔ pii mu no, Akan afɛm nsmfua ahodo pii afiri borɔfo kasa mu. Wɔkyerɛ mu sɛ, sɛ Akan fɛm saa no a wɔhwɛ hunu sɛ deɛ wafɛm no bɛdi Akan kasa nhyehyeeɛ no so pɛpɛɛpɛ. [5]
Nsɛmfuafɛm ho nhwɛsoɔ
[sesa]Nsɛmfuafɛm ho nhwɛsoɔ wɔ Asante Twi mu ne:[6]
| Borɔfo Kasa | Asante Twi Kasa |
|---|---|
| i. watch | wɔɔkye |
| ii. towel | towuro |
| iii. Car | kaa |
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Thakur, D. (2010). Linguistics Simplified; Morphology. New Delhi: Bharati Bhawan. Printing & Distributors.
- ↑ Hoffer, B., L. (2002). Language borrowing and Language Diffusion; an Overview. Intercultural Communication Studies, XI (4), 1-37.
- ↑ Thomason, S.G & Kaufman, T. (1988). Language contact, Creolization and genetic linguistics. Berkeley; University of California Press
- ↑ Bielenia, G.M. (2009). Linguistics borrowing in the English language of Economics. Journal in English Lexicology, 1951-6215.
- ↑ Apenteng, M. A & Amfo, N.A.A, (2014). The form and formation of English loanwords in Akan. Nordic Journal of African Studies 23(4), 219-240.
- ↑ https://ir.uew.edu.gh/handle/123456789/979