Nsɛmfua Nkabom
Appearance
Nsɛmfua nkabom yɛ adeɛ a ɛboa tumi keka nsɛmfua bi bobɔ mu ma tumi yɛ asɛmfua foforɔ. Yei ne kwan soronko a ɛboa de nsɛmfua foforɔ ba kasa ahodoɔ pii mu. Asɛmfua nkabom yɛ asɛmfua a ɛkura asennua mmienu anaa deɛ ɛboro saa, ɛtumi yɛ nsɛmfua a ɛgyina wɔn ho so. [1][2]
Saa nsɛmfua yi tumi yɛ edin, adeyɛ, a yɛrekeka abom ama no ayɛ asɛmfua baako na saa nsɛnkuo wɔ yi ne adeyɛ ne adeyɛ, edin ne edin, adeyɛ ne edin, edin ne edin nkyerɛkyerɛmu, ɛdin ne adeyɛ, ɛdin nkyerɛkyerɛmu ne edin nsiakyibea ne edin nsiakyibea ɛna edinƐnyɛ berɛ biara na nsɛmfua ahodoɔ no a yɛde redi dwuma no bɔ mu baako ɛtɔ da a yɛte asennua ahodoɔ no ntam.[3][4]
Nsɛmfua Nkabom ho nhwɛsoɔ
[sesa]Nsɛmfua nkabom ho nhwɛsoɔ wɔ Asante Twi mu ne: [5]
| Nsɛmfua | Nsɛmfua nkabom |
|---|---|
| 1. etire + adeɛ | tiriadeɛ |
| 2. asɛm + ɛpɔ | asɛmpɔ |
| 3. anim + tia | animtia |
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Crystal, D. (1999). The Pengiun Dictionary of Language. London: Pengiun books.
- ↑ Haspelmath, M & Sims, A. (2010). Understanding Morphology. 2nd Edition. New York:OUP.
- ↑ Dolphyne, F.A. (2006). The Akan (Twi-Fante). Languages. Its Sound System and Tonal Structure. Accra: Woeli Publishing Service
- ↑ Abakah, E.N. (2004). Elision in Fante. Africa & Asia, 4 181-213.
- ↑ https://ir.uew.edu.gh/handle/123456789/979