Jump to content

Nnyinahɔma(Metaphor)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nnyinahɔmma anaa Metaphor wɔ Brofo kasamu yɛ kasasu a yɛde nsɛmfua mmienu a ɛnni twaka biara toto ho. Sɛ ebia yɛde A regyina hↄ ama B nanso ɛne no nsɛ koraa[1]. Nanso wobɛhwɛ no na A wɔ B su no nyinaa bi. Yɛtaa de adeyɛ ‘yɛ’ na ɛda no adi. Sɛ yɛnya nhwɛsoɔ bi te sɛ A yɛ prako a, na ɛkyerɛ sɛ; A kura suban a prako wɔ no bi. Weinom bi ne adididodoɔ, awododoɔ, eburo, hwɛ a ɔnhwɛ mma, ne ade. Wote sε yɛka sɛ ɔbra yɛ ɔko a, nteaseε bεn na εyε wonya? Yεka sε ↄbra yε ↄko a, na yεde rekyerɛ ahosiesie, amanehunu, akukuruhweaseɛ, nsanekyire, nkonim ne nkoguo a ɛwɔ ɔbra mu nso. Yεnhwε nhwεsoↄ bi nka ho.[2]

Nhwɛsoɔ

[sesa]

a. Ͻbaa gyata no na ↄrebobom no.

b. Ͻbaa akokↄnini no asↄre.

c. Aberanteε no yɛ ↄsono wↄ ne nuanom mu[3].

d. Ɔbra yɛ ɔko.

F. Asesɛsɛm/ Ntotohosɛm anaa Simile wɔ Brofo kasa mu.[4][5]

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. Figurative language: hyperbole, similes and metaphors - English - Learning with BBC Bitesize (in British English), retrieved 2025-08-29
  2. Figurative Language (in American English), retrieved 2025-08-29
  3. Literary Devices | The Blog | The Novelry (in English), retrieved 2025-08-29
  4. 105 Literary Devices: Definitions and Examples (in English), 2021-08-18, retrieved 2025-08-29
  5. What is Figurative Language? | A Guide to Literary Terms | College of Liberal Arts | Oregon State University (in English), 2019-10-29, retrieved 2025-08-29