Nnyeso-Bɛ
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nnyeso-Bɛ yɛ ɛbɛ a ɛkura afaafa mmienu. Yei ne ɔfrɛ ne nnyesoɔ na ɛma yɛnya ɔyɛfoɔ ne atiefoɔ. Ɛyɛ ɛbɛ a nnipa taa de fen. ɔfrɛ no taa dan edin. Nanso, ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɔfrɛ no yɛ edin.[1] Ɛtɔ bere bi a ɛyɛ ɔkasamu.[2] Ma yɛnhwɛ ɛbɛ, ‘Opoku mfa ne nku; Medware a me ho mpae.’ Sɛ yɛhwɛ yie a, ɔfrɛ no ne, ‘Opoku mfa ne nku.’ na ɛyɛ ɔkasamu na ɛnyɛ edin. Enti yɛbɛka a, adeɛ a ɛma saa ɛbɛ yi da nso firi mmɛ afoforoɔ ho ne ne nnyesoɔ no. Ɛbinom frɛ no abɛbudin ɛfiri sɛ, ɛtaa yɛ mmrane ne nnyesoɔ pɛpɛɛpɛ.[2]
Nnyeso-Bɛ ho nhwɛsoɔ
[sesa]i. Oyirikayiri; ɔbarima rebewu a, na ne yere suro no.
ii. Sakate kuntu; Wonni sika a, ɔkwasea tu wo fo.
iii. Okukuseku; Onipa ho yɛ hu.[2]