Nnyegyeeε - sε - adwene
Appearance
Nnyegyeeε - sε - adwene yɛ kasasu a ɛgyina hɔ ma nnyegyeeɛ a ɛwɔ nkyerɛaseɛ a yɛtumi gyina sɛdeɛ nnyegyeeɛ no si teɛ so hunu deɛ asɛm no kyerɛ. Wei tumi kyerɛ sɛdeɛ biribi kɔɔ so, tebea a obi wɔ mu anaa suban bi. Weinom taa di dwuma sɛ ɔkyerɛfoɔ nanso wɔn su te sɛ nteamudeɛ. Yɛtaa de kyerɛ suban, anaa tebea bi a ɔkasafoɔ no wɔ mu anaa sɛdeɛ adeyɛ bi kɔɔ soɔ. Weinom boa kasadwini no ma nneɛma bi mu da hɔ pefee. [1]Nnyegyeeɛ - sɛ - adwene di akotene yie wɔ abasɛm ne ahwɛgorɔ dwumadie mu na ɛnam ɛno so ma ɔtofoɔ no nya atenka a ɛmu yɛ den wɔ ɔkasa a wɔde redi dwuma no mu.[2]
Nnyegyeeε - sε - adwene ho nhwɛsoɔ
[sesa]Kasamu ahodoɔ a ɛdidisoɔ yi, da sɛdeɛ wɔde nnyegyeeε - sε - adwene di dwuma wɔ ɔkasamu bi mu. [3]
- Ahwehwɛ no hwee hɔ gongorann.
- Kube no te hwee fam pum.
- Ɔmene fufuo no gonagona.
- Ɔnom nsuo no gonagona.
- Akua bubuu paanoo no wee dwɛɛdwɛɛ.