Jump to content

Nnwonkorɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nnwonkorɔ yɛ dwom a baakofoɔ to a na wɔn a aka nyinaa agye so[1].

Nnwonkorɔ yɛ agorɔ anaa ɔyɛkyerɛ bi a, ɛgyina nnyegyeeɛ bi ne nsɛm bi a adi afra so. [2] Tweneka ne asa yɛ adeɛ a yɛrentumi nyi mfiri nnwonkorɔ mu.  Wɔn a wɔgoro nnwonkorɔ ne Akanfoɔ. Na berɛ titire a wɔtaa to nnwonkorɔ ne annwummerɛ,.  Kane no na nka berɛ a ɛhyɛn adwa no, wɔtaa to bi de gyegye wɔn ani.

Nnwonkorɔ ho Nhwɛsoɔ

[sesa]

Aburuburo ee, boaboafo, boaboa yen.

Asuo a oda bunu mu ee e!

Oda bunu mu oo oo!

Obiri Nyame a onsuro biribi oo!

Na dwafoo mma, Na mese Enowaa se,

Omma yennidi nko asunafoɔ

Ose asutifi na eho tena ye.

Sɔsɔ tia mmienu a yɛde kɔ ahabayerɛ

Kətəkə samenakwa menni amen.

Omununkum oo! Nowaa ee!

Eno kaa sini bɛn [3]

Sɛdeɛ wɔgoro nnwonkorɔ

[sesa]

Wɔreto a, deɛ na nka wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɔ wɔn nsam. Nanso, sɛdeɛ ɔkyerɛ no, ɛnnɛ wokɔ mmeaeɛ bi a, wɔto to no na firikyiwa, donno, ntwene ne akadeɛ ahodoɔ gugu so.  Ɔtofoɔ no di kan kanyan agofomma no te sɛ deɛ wɔrebɛgoro adowa no ara. Na afei wɔde firikyiwa no ahyɛ aseɛ ansa na nnawunta ne penpensiwa nso aba mu [4]

Twaka a ɛda Nwonkorɔ ne Adowa ntam

[sesa]

Nnwonkorɔ ne Adowa nyinaa yɛ agorɔ a yɛyi firi Akan amammerɛ mu a, ɛnyɛ yie. [5]Ɛrekame ayɛ sɛ baabi a yɛto nnwonkorɔ biara no, adowa kɔ so. Deɛ ɛma wɔdi nsɛ pa ara ne sɛ, akadeɛ a wɔtaa de goro no taa yɛ pɛ. Firikyiwa, penpensiwa ne nnawunta di dwuma wɔn nnwonkorɔ ne adowa nyinaa mu. Afei nso, ne nyinaa mu no, wɔregoro a, otofoɔ no to a, na wɔagye no so. Bio, nneyɔeɛ bi te sɛ nsammɔ ne asa mpa nnwonkorɔ ne adowa mu,[6]. Yei yɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛnkuerɛ sɛ adowa ne nnwonkorɔ nyinaa yɛ adeɛ baako. Animdifoɔ akyerɛ wɔn adwene afa twaka a wɔsusu sɛ ɛda adowa ne nnwonkorɔ ntam. Wɔn adwenkyerɛ no gyina nneɛma bi te sɛ kwan a yɛfa so goro, berɛ yɛgoro ne akadeɛ a yɛde goro so.  Yɛhwɛ berɛ a wɔde goro a, wɔgoro nnwonkorɔ anigye berɛ. Sɛdeɛ awaregyeɛ berɛ afahyɛ berɛ ne dwumadie ahodoɔ bi a ɛfa anigyeɛ ho. Adowagorɔ nso deɛ. Yɛgoro no dwumadie bi te sɛ ayie ase.  Deɛ ɛma wɔda nso no bi nso ne wɔn mu biara dwumadie. Yɛgoro adowa de kyerɛ obuo a yɛwɔ ma yɛn nananom san de serɛ nkabom. aAdowa yɛ agorɔ a wɔdi no anigye berɛ. Wode wɔn Agyekum ne Cooker adwenkyerɛ a ɛwɔ ha yi gu nsɛnneɛ ani a, ɛrekame ayɛ sɛ, aniberɛ bi wɔ adowagorɔ mu sene nnwonkorɔ. Wɔn baanu nyinaa yɛ agorɔ deɛ, nanso adowa no deɛ yɛmfa nni agorɔ. [7]

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kwangsam Na, Aniket A. Sawant, Chen Song, David R. Cocker (2004-03-01), "Primary and secondary carbonaceous species in the atmosphere of Western Riverside County, California", Atmospheric Environment, vol. 38, no. 9, pp. 1345–1355, doi:10.1016/j.atmosenv.2003.11.023, ISSN 1352-2310, retrieved 2025-07-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. "Representing African Music : Postcolonial Notes, Queries, Positions", Taylor & Francis (in English), 2014-04-23, doi:10.4324/9781315810942/representing-african-music-kofi-agawu, retrieved 2025-07-01
  3. Abraham Kwesi Bisilki (2018-03-01), "A study of personal names among the Bikpakpaam (the Konkomba) of Ghana: The linguistics, typology and paradigm shifts", Language Sciences, vol. 66, pp. 15–27, doi:10.1016/j.langsci.2017.12.001, ISSN 0388-0001, retrieved 2025-07-01
  4. Abraham Kwesi Bisilki (2018-03-01), "A study of personal names among the Bikpakpaam (the Konkomba) of Ghana: The linguistics, typology and paradigm shifts", Language Sciences, vol. 66, pp. 15–27, doi:10.1016/j.langsci.2017.12.001, ISSN 0388-0001, retrieved 2025-07-01
  5. Kwangsam Na, Aniket A. Sawant, Chen Song, David R. Cocker (2004-03-01), "Primary and secondary carbonaceous species in the atmosphere of Western Riverside County, California", Atmospheric Environment, vol. 38, no. 9, pp. 1345–1355, doi:10.1016/j.atmosenv.2003.11.023, ISSN 1352-2310, retrieved 2025-07-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. Kwangsam Na, Aniket A. Sawant, Chen Song, David R. Cocker (2004-03-01), "Primary and secondary carbonaceous species in the atmosphere of Western Riverside County, California", Atmospheric Environment, vol. 38, no. 9, pp. 1345–1355, doi:10.1016/j.atmosenv.2003.11.023, ISSN 1352-2310, retrieved 2025-07-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. "Representing African Music : Postcolonial Notes, Queries, Positions", Taylor & Francis (in English), 2014-04-23, doi:10.4324/9781315810942/representing-african-music-kofi-agawu, retrieved 2025-07-01