Nnisoɔ (Assimilation)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ yɛka sɛ Nnisoɔ a, ɛyɛ nnyegyeɛ a, ɛdi ne yɔnko so anaa ɛhyɛ ne yɔnko ma no fa ne su no bi. Sɛ ebia; adaka bɛyɛ nnaka, abɔfra bɛyɛ mmɔfra.[1]
Akwan Ahodoɔ A Nnyegyeɛ Bi Tumi Di Nnyegyeɛ Foforɔ So
[sesa]Yɛwɔ akwan ahodoɔ a nnyegyeɛ bi tumi di nnyegyeɛ foforɔ so[2][3][4]:
Deɛ ɛdi kan,
[sesa]Sɛ asɛmfua a ɛdi kan no kura ankɔ-kan nnyegyeeɛ, na sɛ asɛmfua a ɛtɔ so mmienu no nso kura kankɔ nnyegyeeɛ a, asɛmfua a ɛtɔ so mmineu no nnyegyeeɛ no nya nkɛntɛnsoɔ wɔ asɛmfua a ɛdi kan no so.Nhwɛsoɔ;
- Asɛm + hunu bɛyɛ asɛnhunu
- Dwan + nini bɛyɛ dwenini.
Deɛ ɛtɔ so mmienu,
[sesa]Yɛtumi nya bi wɔ dodoɔ kabea nsianimu mu. Sɛ yɛnya edin asɛmfua bi te sɛ Abɔfra na yɛpɛ sɛ yɛde kɔ dodoɔ kabea mu a, anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ (mbɔfra) nanso "m" no mene "b" ma no bɛyɛ "mmɔfra".
Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa,
[sesa]Yɛtumi nya nnyegyeeɛ a ɛmene foforɔ wɔ ɔhyɛ kabea mu. Sɛ yɛnya nsɛmfua a "b" ne "d" di kan a, ɔhyɛ kabea mu no, "m" no mene "b" ma ɛyɛ "mm" ɛnna "n" nso mene "d" ma ɛyɛ "nn". Nhwɛsoɔ;
- Bɔ bɛyɛ mmɔ
- Da bɛyɛ nna
- Dua bɛyɛ nnua
Deɛ ɛtɔ so nnan,
[sesa]Yɛtumi nnyegyeeɛ a ɛmene nnyegyeeɛ foforɔ wɔ "dabi" anaa "ngoo" kabea mu. Ɛne sɛ "m" ne "n" ne asɛmfua bi a "b" ne "d" di kan hyia a, "m" mene "b" ma no bɛyɛ "mm" ɛna "n" no nso mene "d" ma no bɛyɛ "nn". Afei, nso 'n' sesa 'dw' ma ɛyɛ 'nn' ɛna 'n' ne 'gy' hyia a, ɛdane 'nn'[5]. Nhwɛsoɔ;
- Bu bɛyɛ mmu
- Da bɛyɛ nna
- Dwene bɛyɛ nnwene
- Gye bɛyɛ nnye.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Susan Hess (1992-10-01), "Assimilatory effects in a vowel harmony system: an acoustic analysis of advanced tongue root in Akan", Journal of Phonetics, vol. 20, no. 4, pp. 475–492, doi:10.1016/S0095-4470(19)30651-5, ISSN 0095-4470, retrieved 2025-07-24
- ↑ Journal of West African Languages - Some assimilatory processes in Akan, retrieved 2025-07-24
- ↑ Paul Schachter (1969-10), "Natural Assimilation Rules in Akan", International Journal of American Linguistics, vol. 35, no. 4, pp. 342–355, doi:10.1086/465079, ISSN 0020-7071, retrieved 2025-07-24
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ Paul Schachter (1969-10), "Natural Assimilation Rules in Akan", International Journal of American Linguistics, vol. 35, no. 4, pp. 342–355, doi:10.1086/465079, ISSN 0020-7071, retrieved 2025-07-24
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ John Odoom, Kwasi Adomako (2022-12-28), "NASALISATION AND NASAL ASSIMILATION IN AKAN", Ghana Journal of Languages, Linguistics and Literature (in English), vol. 1, no. 1, pp. 1–24, ISSN 2955-7941, retrieved 2025-07-24