Jump to content

Nnipakuo

Ɛfi Wikipedia

Nnipakuo yɛ kasakuo ahodoɔ bi a wɔwɔ ɔman bi mu a wɔn amammerɛ ne wɔn nneyeɛ sɛ. Saa nnipakuo ahodoɔ a wɔwɔ ɔman bi mu biara wɔ wɔn nneɛma a wɔyɛ ma no da nso firi afoforɔ deɛ mu wɔ ɔman korɔ no ara mu.[1] Afoforɔ nso kyerɛ sɛ, nnipakuo yɛ nnipadɔm bi a wɔwɔ ɔman bi mu a wɔn nneɛma ɛda nso ɛnam wɔn amammerɛ ne wɔn nneyɛɛ. Yeinom nyinaa a animdefoɔ ada no adi kyerɛ sɛ ɔman biara mu wɔ nkurɔfokuo bi a wɔn nneyɛɛ ne wɔn dwumadie sesɛ na wɔka wɔn ho bom yɛ wɔn adeɛ ma no da nso firi afoforɔ a wɔte ɔman korɔ no ara baabi.[2]

Sɛ nhwɛsoɔ no, nnipakuo ahodoɔ a ɛwɔ Ghana no bi ne Ewefoɔ, Akanfoɔ, Ga-Adangbefoɔ, Dagombafoɔ, Gurusifoɔ, Gurmafoɔ, Gonɛafoͻ, Mamprusifoɔ, Akyemfoɔ, Fantefoɔ, Asantefoɔ, Nzemafoɔ, Ahantafoɔ, Dagaabafoɔ, Assinfoɔ, Frafrafoɔ, Kasenafoɔ, Nafanafoɔ, Bonofoɔ ne afoforɔ a wɔkeka ho. Na ɛmu biara wɔ sqdeq wɔyɛ wɔn adeɛ. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Dictionary Oxford (2020), Ethnic group definition.
  2. Sekulic, D. (2008). Ethnic group. In: R.T Schaefer (Ed). Encyclopedia of Race, Ethnicity and Society (pp. 456-459). Thousands of Oaks. CA: Sage Publications.
  3. Schermerhon, R. (1970). Comparative Ethnic Relations. New York: Random House.