Jump to content

Nnɔboa

Ɛfi Wikipedia

Nnɔboa ka nneɛma a nnipa dodoɔ no ara de wɔn ho hyɛm. Wɔn mu pii hu nnɔboa sɛ ɛyɛ adeyɛ a nnipakuo bi ka wɔn ho bom yɛ na wɔ nnɔboa mu no, wɔboa wɔn ho wɔn ho. Saa adeɛ a wɔyɛ no boa wɔn ma wɔyi wɔn adwene afiri pɛsɛmenkomenya so.

Nnɔboa boa nnipa nyinaa ma wɔhunu kwan a wɔne nnipa bɛtumi atena na wɔayɛ adwuma abom. Yei ho hia paa ɛfiri sɛ, nnipa pɛ asetena pa atena mu a, ɛho hia sɛ nnipa nyinaa ka bom boa wɔn ho wɔn ho ɛnkanka berɛ a onipa hia ne yɔnko mmoa.

Nnɔboa ahodoɔ

[sesa]

Akwan a nnipa pii fa so yɛ nnɔboa no gu mu ahodoɔ, yɛwɔ afuom deɛ ne ɔman adwuma deɛ. Sɛ ɛba afuom adwuma mu sei a, nnipakuo bi tumi ka wɔn ho bɔ mu boaboa wɔn ho ma wɔdɔ obi afuom ɛnkanka ne berɛ a nneɛma mu ayɛ den no. Afei nso, sɛ ɛba ɔman adwuma mu sei a, kuro mma no nyinaa de ɔdɔ bɔ ɔdɔ mu boa wɔn ho wɔn ho siesie kuro no mu ma no tu mpɔn ankasa; yei na wɔfrɛ no kwasafodwuma no. Yei ma yɛhu sɛ, sɛ nnɔboa bɛwie pɛyɛ mu a, na ɛgyina ɔdɔ a ɛkuo mma no wɔ ma wɔn ho.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]

https://www.academia.edu/download/77548741/ijsrp-p7603.pdf

https://www.ajol.info/index.php/erats/article/view/288848/273870