Nkyinkyim
Nkyinkyim yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ baako a agye din wɔ Ghanaman mu. Saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ abrabɔ mu adaneadane a ɛda adi wɔ nnipa asetena.[1][2][3][4][5]
Nkyerɛkyerɛmu
[sesa]Ntrɛmu a ɛyɛ asorɔkye a ɛda adi wɔ Nkyinkyim ahyɛnsodeɛ mu no kyerɛ sɛdeɛ asetena mu akwantuo no yɛ kyinhyia.[6] Yei kyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ obi yɛ obi a ɔtumi yɛ nnoɔma pii na ɔtumi we taa so na ama watumi atena ase na wanya nkɔsoɔ.
Ne dwumadie
[sesa]Wɔhunu Nkyinkyim nsɛnkyerɛnne yi wɔ dwumadie pii mu. Wɔ Pentecost University ahyɛnsodeɛ mu no, wɔhunu saa nsɛnkyerɛnne mmienu wɔ mu a baako wɔ nwoma a wɔbue mu nifa so na baako nso wɔ benkum mu. Wɔde saa nsɛnkyerɛnne yi gyina hɔ ma Abibifoɔ gyidie, nsesaeɛ, ne pɔ a obi pɔ wɔ dwumadie bi mu. Anigyesɛm ne sɛ, wɔde abibifoɔ gyedie de aka ho de kyerɛ tete nteaseɛ ahodoɔ a ɛwɔ nnɛ mmerɛ yi mu nteaseɛ ho no ho, na wɔnam saayɛ so atrɛ ne nteaseɛ mu. Yie fata wɔ nsɛm a ɛfa ho no mu ɛfiri sɛ Nkyinkyim no nkoara ne Abibifoɔ nsɛnkyerɛnne soronko wɔ wɔn ahyɛnsodeɛ no mu.[7]
Afei nso, wɔhunu Nkyinkyim yi wɔ Axis Human Capital ahyɛnsodeɛ mu. Yei yɛ adwumayɛbea bi wɔbue wɔ Nkran a ɛhwɛ amammerɛ nsɛm so.[7]
Ɛbɛ
[sesa]Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ THE NKYINKYIM Adinkra Ring (in English), retrieved 2025-05-26
- 1 2 Nkyinkyim - The Adinkra Symbol of Life’s Challenges and Resilience (in English), 2024-08-12, retrieved 2025-05-26
- ↑ Nkyinkyim – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-05-26
- ↑ Nkyinkyim – The Calabash Hub (in American English), retrieved 2025-05-26
- ↑ NKYINKYIM (ADINKRA) (in English), retrieved 2025-05-26
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Nkyinkyim (in English), retrieved 2025-05-28
- 1 2 Nkyinkyim - The Adinkra Symbol of Life’s Challenges and Resilience (in English), 2024-08-12, retrieved 2025-05-28
- 1 2 Nana Kwabena (2020-09-15), Nkyinkyim (in English), retrieved 2025-05-26