Jump to content

Nkyea

Ɛfi Wikipedia

Akanfoɔ bu obi a ɔhyia anaa ɔkɔto nnipa a ɔkyea sɛ ɔwɔ nteteɛ pa. Nkyea yɛ adeɛ a Akanfoɔ nni ho agorɔ koraa, Ne saa nti, wode aka wɔn amammerɛ ho. Wei nti sɛ obi wo na sɛ ɛduru berɛ a ɛwɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ ne ba no amammerɛ ahodoɔ bi a, obiara hwɛ anim sɛ deɛ ɔretete akwadaa no bɛkyerɛ no sedeɛ Akanfoɔ kyea. Sɛ saa nipa yi nyini na sɛ ɔhyia mpaninfoɔ a ɔkyea wɔn a, wataa ka sɛ, “akwadaa yi deɛ n'awofoo atete no yie". Wei bɛyɛ animuoyam hyɛ ama awofoɔ no.

Nkyea de ayɔnkofa ba nnipakuo bi ntam anaa kura ayɔnkofa. Nkyea yɛ adeɛ baako a Akanfoɔ tumi gyina so hunu sɛ basabasayɛ anaa nwantwiwantwi bi wɔ nnipakuo pi ntam. Mpɛn pii no, sɛ nipa bi ne afoforɔ wɔ asɛm a, woto wɔn ho wɔn ho a, wɔnkyea. Sɛ ɛtoa so kakra a, obi a ɔnnim deɛ asi wɔn ntam no tumi gyina deɛ ɛreko so no ka sɛ biribi rekɔ so. Sɛ mpaninfoɔ siesie asɛm wei a, mpɛn pii ɛyɛ a wɔkakyerɛ wɔn a wɔadi wɔn asɛm no sɛ wɔnkyea wɔn ho wɔn ho.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1.https://onlinelibrary.wiley.com/doi/full/10.1002/bin.1913

2.https://journals.sagepub.com/doi/full/10.2466/02.17.21.CP.1.13

3.https://anthrosource.onlinelibrary.wiley.com/doi/abs/10.1525/jlin.1997.7.1.63