Jump to content

Nkrobɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu Sɛ nneɛma a yɛadi kan aka ho asɛm mu biara nti ɔwarefoɔ bi pɛsɛ ɔgyae awareɛ a, ɔkɔbɔ awareɛ no akyitaefoɔ no amaneɛ ma wɔtena ase ka asɛm[1]. Atenaseɛ a ɛdi kan no deɛ, ɛyɛ a, na akyitaefoɔ no botaeɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ siesien asɛm no. Sɛ wɔka na sɛ ɛkɔba no sɛ awareɛ no ara na ɛsɛ sɛ wɔgu no a, wɔma awarefoɔ no mu biara bɔ ne nkuro. Nkurobɔ no mu no, oibara bu ka a, ne yɔnko de no ma otua. Deɛ ɛsɛ sɛ ɔdane ne yɔnko akyire no, wɔsrɛ ntesoɔ a wɔfrɛ no ‘’nwaesoɔ’’[2].

Wɔtuatua ka no wie a, wɔtu nsa gu so. Sɛ ɔbaa no na ɔregyae awareɛ a, ɔde tire adeɛ a ɔbarima no tuaeɛ no ma no. Sɛ ɔbarima no nso na  ɔregyae ɔbaa no a, wɔma no sum no wɔ ne mmerɛ a wasɛe no ho[3]. Yeinom nyinaa akyiri no, deɛ ɔregyae ne yɔnko no tu nsa gu so. Wɔhyɛ wɔn a wɔtenaa ase gu awareɛ no ketee sɛ oibara nni hɔ a ɔbɛtumi aware  ɔbaa no[4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-22
  2. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-22