Nkotiani anaa Antagɔniste
Nkotiani anaa Antagɔniste nso yε agorↄba titire saa ara na ne dwumadie ne sε ↄbεko atia agorↄ no tiban anaa protagɔniste no na wasi no kwan sεdeε ↄntumi nni nkonim wↄ n’abrabↄ mu. Afei nso, εnyε berε biara na nkotiani anaa antagɔniste no yε nipa anaa nipakuo bi. Ɔtumi yɛ abɔde foforɔ bi anaa mpo tebea a agorɔ no tiban anaa protagɔniste no nam mu a εde agorↄba titire no fa yaa ne ateetee bebree mu.[1]
Sε ebia; obi a ↄredi hia, ↄdi awomawuo anaa ↄyε obonin. Nkotiani anaa antagɔniste ho hia pa ara wↄ agorↄ biara mu εsiane sε ↄboa ma agorↄ no tobea nhyehyεeε no gyina. Ͻma agorↄ no yε anika, na ↄma akenkanfoↄ ne atiefoↄ no de wↄn ani di agorↄ no akyi aberε biara sεdeε εbεyε na wↄbεhunu deε εbεsi daakye. Ԑnam ne so na agorↄ no Tiban anaa protagɔniste no mpagya ne ne nkonimdie pue.[2]