Jump to content

Nkonsonkonson

Ɛfi Wikipedia

Nkonsonkonso yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ foforɔ a ɛyɛ anigyeɛ a ɛkyerɛ nnipa ntam abusuabɔ. Ɛka sɛ sɛ yɛyɛ nnipa no, yɛwɔ abusuabɔ wɔ nkwa ne owuo nyinaa mu; wɔn a wɔn wɔ mogya baako no ntete mu da wɔ wɔn wu akyi mpo. Wei ne Ashantefoɔ atetesɛm mu gyidie a ɛne sɛ, abusuabɔ bi wɔ awufoɔ ne ateasefoɔ ntam na anyame no boa ma wɔka wɔn mmienu nyinaa bɔ mu. Mmusuakuo binom hwie nsa na wɔbɔ anyame no mpaeɛ de hwehwɛ nnipa pa ne ahemfo anaa atitire a wɔatwam ama wɔn ahobammɔ ne afoforo no hɔ.[1]Nkonsonkonson

Nkonsonkonson egyina hɔ ma nhoma mmienu a ɛka bɔm wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɛsane kyerɛ baakoyɛ, mpatam ne tumi a ɛfiri wɔn ho wɔn ho mu. Ɛyɛ adwene a ɛne sɛ yɛn mmɔdemmɔ a yɛka bɔm no ma yɛnya tumi kɛseɛ, na ama yɛatumi aduru yɛn botaeɛ ahodoɔ ho a ɛbɛma yɛayɛ baako na yɛne yɛn ho yɛn ho atena ase asomdwoe mu.[2]



Akan ɛbɛ a ɛfa nkonsonkonson ho

[sesa]

Praye se woyi baako a na ebu, woka bo mu a emmu. GyeNyame2

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. WISDOM K. E. HAMMOND (2023-09-14), Adinkra West African Symbols And Their Amazing Meanings (in American English), retrieved 2025-05-27
  2. Nkonsonkonson – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-05-24