Nkitahodie Akwan (Channel of Communication)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nkitahodie Akwan fa nneɛma ahodoɔ a wɔde di dwuma wɔ nkitahodie mu ho ne sɛdeɛ wɔkeka bɔ mu di dwuma ma ɛwie pɛyɛ. Yeinom ne onipa a ɔreto nkra, ɔkwan ɔnam so reto nkra no, nea ɔregye nkra no ne mmuaeɛ a wɔda no adi wɔ berɛ a ɛho hia.[1] Yɛwɔ akwan ahodoɔ bebree a yɛfa so di nkitaho. Ɛbi na ɛdidi soɔ yi; nea ɔde nkrasɛm no kɔ (Ɔsomafoɔ) “Sender”, ɔkwan pɔtee bi a nkrasɛm no nam so “Channel’, nea ɔgye nkrasɛm no “Recipient” ɛna mmuaeɛ a wɔda no adi wɔ berɛ a ɛho hia “Feedback”.
Sɛ yɛhwɛ mfoni a ɛda soro hɔ yi so a yɛhu sɛ nneɛma bi a (yɛpɛ sɛ yɛfrɛ no nkitahodie aboadeɛ) na ɛkeka bɔ mu ma nkitahodie kɔ so, sane wie pɛyɛ. Yɛhu sɛ, nneɛma yi nyinaa di nsawɔsoɔ ma pɛpɛyɛ ba. Sɛ ɛmu baako mpo ho te kyema a, ɛde nkitahodie kɔgyina mpɛmpɛnsoɔ bi a ɛnkɔ yie.
Aboadeɛ a ɛdi kan ne Ɔsomafo. Yei yɛ onipa a ɔde nkrasɛm no kɔ. Saa onipa yi na ɔnam nkrasɛm a yɛtwerɛ, deɛ yɛka anaa nsɛnkyerɛne a ɛkasa so ɔhyɛ nkitahodie bi ase ma asɛm no kɔduru faako a ɛsɛ sɛ ɛkɔduru.[2] Deɛ ɛtɔ so mmienu ne Nkrasɛm. Yei nso yɛ nsɛm, nsusuiɛ anaa nneyɛɛ a yɛde di nkitaho. Ɛtumi yɛ nea yɛatwerɛ, nea yɛde aniwa hunu, ne nea yɛmfa kasa na ɛka bi te sɛ; (nipadua kasa, nneyɛɛ), anaa nea yɛde ano ka. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɔgye nkrasɛm no. Yei yɛ nipa ɔgye nkrasɛm a ɔsomafoɔ bi soma no. Ɛtumi yɛ nkrasɛm a wɔatwerɛ wɔ krataa so, deɛ wɔde fa tɛtɛfon nkitahodie so, deɛ wɔde fa kasamfidie so anaa obi reka asɛm akyerɛ ɔfoforɔ ama no atie no wɔ berɛ a wɔte faako. Deɛ ɛtwa toɔ ne mmuaeɛ.[3]
Yei yɛ nsɛm anaa nneyceɛ bi a deɛ ɔgye nkrasɛm no yɛ de kyerɛ sɛ ne nsa kaa nkrasɛm a ɔsomafoɔ no de manee no no na wanya mu nteaseɛ.[4] Aboadeɛ yi nyinaa ho hia wɔ nkitahodie mu na ɛsɛ sɛ ɛmu biara di dwuma wɔ ne kwan so pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛma nkɔmmɔdie no awie pɛyɛ.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ What Are Channels Of Communication? (Importance And Types) (in English), retrieved 2025-08-27
- ↑ 8.4: Different Types of Communication and Channels (in English), 2020-04-05, retrieved 2025-08-27
- ↑ J. R. Dingwall, Chuck Labrie, Trecia McLennon, Laura Underwood, Communication Channel (in English), retrieved 2025-08-27
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ 7 Essential Channels of Communication in the Workplace (in English), retrieved 2025-08-27