Nkitahodie
Nkitahodie ne nkɔmmɔdie a akɔ so wɔ nnipa bi ntam. Nkitahodie bɛkɔ so a, ɛyɛ a na ɛnam nnipa mmienu so, ɛyɛ deɛ ɔde asɛm no nam ɛnna deɛ ɔretie asɛm no, na ɛno ara ne sɛ nnipa mmienu no reda nsenkyerɛnne bi adi na saa nsenkyerɛnne yi tumi yɛ kasa anaa mfoni, ɛtumi nso yɛ nnipa nsenkyerɛnne anaa deɛ yɛhwɛ. Ansa na nkitahodie bɛsi pi no, ɛyɛ a na ɛnam nsenkyerɛne bi a aniwa, nnipadua, dede bi nnipa nne tumi yɛ so ansa na asi pi.
Nkitahodie ne ɔkwan a yɛfa so te asɛm bi ase san de di dwuma. Ɛne sɛ woreda adwempɔ bi adi ne nkɔmmɔ twetwe a akɔ so wɔ nnipakuo bi ntam. Yɛbɛtumi nso aka sɛ nkitahodie yɛ sɛ woreda adwene bi anaa atenka bi adi anaa sɛ wode asɛm bi rema nnipa bi. Nkitahodie so yi a, na yɛbɛtumi aka sɛ nkitahodi yɛ sɛ wode nsɛmhia bi anaa asɛm bi reko beaɛ bi anaa sɛ wode nsanhia bi rema nnipakuo bi.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]2.https://kb.osu.edu/items/3398597a-afb3-52f6-ac4f-bc9bccf9e72a