Jump to content

Nkabomdeɛ (Conjunction)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nkabomdeɛ yɛ asɛmfua anaa sɛ nsɛmfua bi a yɛde sisi nsɛmfua anaa kasasin, ɔkasamufa anaa ɔkasamu mmienu bi ntam de keka wɔn bom.[1][2][3]Ne tiawa mu no ɛyɛ asɛmfua bi a yɔde ka ɔkasa afaafa bobom.[4][5] Nhwɛsoɔ;

  • Kofi ne Ama wɔ hɔ.
  • Ɔnsua adeɛ nanso waben.[6]

Nkabomdeɛ nkyekyɛmu

[sesa]

Yɛtumi gyina ɔkasa afaafa a yɛka bom no so kyekyɛ nkabomdeɛ akuo mmienu;

Deɛ ɛdi kan, yɛwɔ nkabomdeɛ a ɛka asɛmfua anaa ɔkasasin ahodoɔ bi bom[7][8]. Sɛ ebia;

[sesa]

Anaa, ne, sɛ, sɛ oo. Nhwɛsoɔ;

  • Wobɛkɔ anaa wobɛda?
  • Mansa ne Ama aba.
  • Adɔ oo adwadeɛ oo nyinaa yɛ adwuma.

Deɛ ɛtɔ so mmienu, yɛwɔ deɛ ɛka ɔkasamufa mmienu anaa deɛ ɛboro saa anaa ɔkasamu mmienu bom.[9] Nhwɛsoɔ;

[sesa]
  • Mekɔeɛ na ɔnni hɔ.
  • Ɔnyaa biribiara a ɔpɛ nanso awareɛ bɔɔ no.
  • Ebia ɔpɛ anaa ɔkyi.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. What Are Conjunctions? Definition and Examples (in English), 2023-05-15, retrieved 2025-07-25
  2. Amy Luo (2022-10-23), Using Conjunctions | Definition, Rules & Examples (in American English), retrieved 2025-07-25
  3. Conjunctions: Definition and Examples, retrieved 2025-07-25
  4. Matthew Jones (2020-01-29), The Ultimate English Conjunctions List (in American English), retrieved 2025-07-25
  5. English Grammar Rules - Conjunctions, retrieved 2025-07-25
  6. https://byjus.com/english/conjunctions/ (in English), retrieved 2025-07-25 {{citation}}: External link in |title= (help)
  7. https://study.com/academy/lesson/conjunction-in-english-use-rules-practice.html?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-25 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  8. What Are Conjunctions? Definition and Examples (in English), 2023-05-15, retrieved 2025-07-25
  9. Introduction to Conjunctions: Types, Examples & Usage in English Grammar (in English), retrieved 2025-07-25