Nkabomdeɛ
Appearance
Nkabomdeɛ yɛ asɛmfua bi a yɛde ka ɔkasa afaafa no bi bom na ne dwumadie ara ne sɛ yɛde sisi nsɛmfua, kasasin, kasamufa anaakasamu mmienu bi ntam de keka bɔ mu. [1]
Nkabomdeɛ no bɛtumi ayɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako (sɛ, ɛfiri sɛ, gye sɛ, sɛnea, enti, ansa, ansa na, ɛsiane sɛ, kyerɛ sɛ, berɛ a, sɛ nti, sɛ…. a,) ne deɛ ɛkeka ho. Afei nso, nsɛmfua yi nkyekyɛmu gyina wɔn nteaseɛ ne kasa afaafa a wɔtumi ka bom no so. [2]