Jump to content

Ngozi Okonjo-Iweala

Ɛfi Wikipedia
Dr Ngozi Okonjo-Iweala
Okonjo-Iweala in 2021
7th Director-General of the World Trade Organization
Mprenpren
Bere
8 March 2021
OdikanfoRoberto Azevêdo
Minister of Finance
Bere
17 August 2011  29 May 2015
ƆmanpanyinGoodluck Jonathan
OdikanfoOlusegun Olutoyin Aganga
AnanmusiniKemi Adeosun
Bere
15 July 2003  21 June 2006
ƆmanpanyinOlusegun Obasanjo
OdikanfoAdamu Ciroma
AnanmusiniNenadi Usman
Coordinating Minister for the Economy
Bere
17 August 2011  29 May 2015
ƆmanpanyinGoodluck Jonathan
OdikanfoOlusegun Olutoyin Aganga
AnanmusiniPosition abolished
Minister of Foreign Affairs
Bere
21 June 2006  30 August 2006
ƆmanpanyinOlusegun Obasanjo
OdikanfoOluyemi Adeniji
AnanmusiniJoy Ogwu
Ne ho asɛm
Awo bere13 June 1954 (1954-06-13) (age 71)
Ogwashi Ukwu, Nigeria
CitizenshipNigeria (1954–present)
United States (2019–present)[1]
NehokaniIkemba Iweala
Mma4, including Uzodinma
AdesuaHarvard University (BA)
Massachusetts Institute of Technology (MA, PhD)

Ɔbenfo Ngozi Okonjo-Iweala GCON (/əŋˈɡoʊzi əˈkoʊndʒoʊ ɪˈweɪlə/, Igbo kasa a wɔbɔ din: [ŋ́gɔ́zí òńdʒó ìwáàːlà] wɔwoo no 13 June 1954[2]) yɛ Nigeriani sikasɛm ho ɔbenfoɔ a wayɛ Wiase Aguadi Ahyehyɛdeɛ no kwankyerɛfoɔ panin firi Oforisuo 2021. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan na ɔsan nso yɛ Afrikani a ɔdi kan a ɔdii Wiase Aguadiɛ Ahyehyɛdeɛ no anim sɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin[3][4].

Kan no na ɔka Danone, Standard Chartered Bank, MINDS: Mandela Asoɛe a Ɛhwɛ Nkɔso Ho Adesua So, Carnegie Endowment a ɛhwɛ Amanaman Ntam Asomdwoe so, Georgetown Asoɛe a ɛhwɛ Mmea, Asomdwoe ne Ahobammɔ so, Ɔsatu Baako, GAVI: Wiase Nyinaa Apam a Ɛhwɛ Vaccines ne Immunization so, Rockefeller Foundation, R4D: Results for Development, ARC: African Risk Capacity ne Earthshot Prize ne baguafo no mu afoforo nso[5][6][7][8]. Ɔsan nso dii kan tena Twitter Akwankyerɛ Kuo no mu, na ɔgyaee adwuma wɔ Ɔpɛpɔn 2021 mu wɔ ne paw sɛ Wiase Aguadi Ahyehyɛdeɛ no kwankyerɛfoɔ panin no ho[9].

Okonjo-Iweala som wɔ Brookings Asoɛe sɛ ɔyɔnko a ɔda nsow a ɔnyɛ ɔtefoɔ a ɔne Afrika Nkɔsoɔ Dwumadie wɔ wɔn Wiase Nyinaa Sikasɛm ne Nkɔsoɔ Dwumadie mu[10][11]. Ɔyɛ Commissioner Emeritus ne Co-Chair wɔ Wiase Nyinaa Bagua a Ɛhwɛ Sikasɛm ne Wim Tebea So. Wɔ Wiase Nyinaa Sikakorabea no, na ɔde mfe 25 ayɛ adwuma sɛ nkɔso ho sikasɛm ho ɔbenfo; ɔreforo abɛyɛ Managing Director for Operations firi afe 2007 kɔsi afe 2011. Okonjo-Iweala ne Nigeriani bea a ɔdi kan a ɔdii dwuma mprenu sɛ Nigeria Sikasɛm Soafoɔ; mfiase no, wɔ Ɔmampanyin Olusegun Obasanjo ase fi afe 2003 kosi afe 2006; na nea ɛtɔ so mmienu, wɔ Ɔmampanyin Goodluck Jonathan ase firi afe 2011 kɔsi afe 2015. Ɛno akyi no, ɛfiri June kɔsi August 2006 no, ɔyɛɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Nigeria Amannɔne Nsɛm so. Wɔ afe 2005 mu no, Euromoney bɔɔ ne din sɛ Wiase Nyinaa Sikasɛm Soafo a Ɔsen Biara wɔ Afe no mu[12][13][14].

Mfitiase asetra ne nhomasua

[sesa]

Wɔwoo Okonjo-Iweala wɔ Ogwashi-Ukwu, Delta State, Nigeria, faako a na ne papa, Ɔbenfo Chukwuka Okonjo, yɛ Obi (ɔhene) wɔ Obahai adehye abusua a ɛwɔ Ogwashi-Ukwu wɔ Nigeria[15].

Ɔkɔɔ Queen’s School, Enugu bere tiaa bi; akyiri yi wɔde no kɔɔ baabi foforo sɛ ɔnkɔtra hɔ na ɔkɔtoo ne nhomasua so wɔ St. Anne Sukuu, Molete, Ibadan, Oyo Mantam mu; na ɔsan nso kɔɔ Amanaman Ntam Sukuu, Ibadan, a ɛwɔ Oyo Mantam mu. Wɔ afe 1973 mu no ɔtu kɔɔ Amerika kɔsuaa adeɛ wɔ Harvard Suapɔn mu na ɔwiee sukuu wɔ magna cum laude a ɔnyaa AB wɔ sikasɛm mu wɔ afe 1976 mu[16][17].Ɔnyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ kuropɔn nhyehyɛeɛ mu wɔ afe 1978 mu na ɔnyaa ne PhD wɔ ɔmantam sikasɛm ne nkɔsoɔ mu wɔ afe 1981 mu wɔ Massachusetts Institute of Technology a ɔde asɛmti a ɛne Credit policy, nkuraase sikasɛm gua, ne Nigeria kuayɛ nkɔsoɔ. Onyaa amanaman ntam fekubɔ fii Amerika Sukuupɔn Mmea Fekuw (AAUW) hɔ, a ɛboaa ne oduruyɛfo adesua no[18].

Baabi a meyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Overly, Steven (5 February 2021). "U.S. backs Okonjo-Iweala, first woman and African, to head WTO". Politico. Archived from the original on 5 February 2021. Retrieved 6 February 2021.
  2. Ngozi Okonjo-Iweala makes history at WTO (in British English), 2021-03-01, retrieved 2026-03-22
  3. "History made as Dr. Ngozi Okonjo-Iweala picked to head WTO", Africa Renewal (in English), 2021-02-26, retrieved 2026-03-22
  4. By Joyce Hackel (2021-04-22), WTO head Ngozi Okonjo-Iweala on vaccines: ‘We have to solve the health crisis if we want economic recovery’ (in English), retrieved 2026-03-22
  5. "Prince William and Earthshot Prize Council members sign letter encouraging everyone to 'give the earth a shot'", MSN (in Canadian English), retrieved 2026-03-22
  6. "The Earthshot Prize Council - Earthshot Prize", Earthshot Prize (in American English), archived from the original on 2022-07-14, retrieved 2026-03-22
  7. Ngozi Okonjo-Iweala (in American English), retrieved 2026-03-22
  8. ARC Agency Governing Board – African Risk Capacity (in American English), archived from the original on 2020-05-20, retrieved 2026-03-22
  9. S&P Capital IQ (2021-02-19), Ngozi Okonjo-Iweala to Step Down as Member of Board of Directors of Twitter, Inc., Effective February 28, 2021 | MarketScreener (in American English), retrieved 2026-03-22
  10. Ngozi Okonjo-Iweala (in American English), retrieved 2026-03-22
  11. Abiodun Sanusi (2022-03-13), Nigerian women, global leaders (in American English), retrieved 2026-03-22
  12. Felix Salmon (2005-09-01), Finance minister of the year 2005: Ngozi Okonjo-Iweala, Nigeria (in English), retrieved 2026-03-22
  13. "Nigeria's Ngozi Okonjo-Iweala Becomes First Female, African To Head World Trade Organisation", Latest Breaking News From US, Europe & World (in American English), retrieved 2026-03-22
  14. Victor Oluwole (2022-03-07), 6 leadership lessons from WTO Director-General Dr. Ngozi Okonjo-Iweala (in English), retrieved 2026-03-22
  15. Chukwuka Okonjo - Biography (in English), retrieved 2026-03-22
  16. Ngozi Okonjo-Iweala, former finance minister of Nigeria and former managing director of the World Bank, will deliver the 2020 Graduation Address (in English), 2020-03-02, retrieved 2026-03-22
  17. Ngozi Okonjo-Iweala (in American English), retrieved 2026-03-22
  18. Nigeria receives its first sovereign credit ratings (in English), retrieved 2026-03-22