Nelson Kyeremeh

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Nelson Kyeremeh
Member of Parliament for
Berekum East
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Nelson Kyeremeh

27 March 1985 (1985-03-27) (age 39)
Berekum, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaAdministrator
CommitteesMembers Holding Offices of Profit Committee; Works and Housing Committee Health Committee

Nelson Kyeremeh yɛ Ghana amanyɔni ne ɔhwɛfoɔ. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Berekum Apuei Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Bono Mantam mu firi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2021.[1][2][3]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kyeremeh wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu nson (27) 1985 na ofiri Berekum a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana.[1] Onyaa ne mfitiaseɛ nhomasua adansedie krataa (basic education certificate) wɔ afe 2000 mu ne ne ntoaso sukuu adansedie krataa (secondary school certificate) wɔ afe 2003. Wɔmaa no ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ Ntotoeɛ Nhomasua (Bachelor of Science degree in Management Studies - Administration/Management) mu wɔ afe 2012 mu na onyaa ne Diploma abodin krataa wɔ Mfitiaseɛ Nhomasua mu (Diploma in Basic Education) wɔ afe 2009 mu.[1]

Adwuma[sesa]

Kyeremeh yɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Panyin Boafoɔ (Assistant Headteacher) wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) na akyiri yi ɔyɛɛ Ɔhwɛfoɔ wɔ Agyengoplus Transport and Logistical Service Limited.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Kyeremeh dii nkonim de sii akan sɛ NPP Mmarahyɛbadwani ma Berekum Apuei Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no mu tiaa MP a ɔwɔ hɔ mprempren Kwabena Twum-Nuamah.[4][5] Ɔsan dii nkonim wɔ afe 2020 amansan abatoɔ no mu denam amba 27,731 a onyaa abatoɔ nyinaa mu 61.3% bere a NDC mmarahyɛbadwani Simon Ampaabeng Kyeremeh nyaa amba 17,305 a onyaa abatoɔ 38.2% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na Independent kandifoɔ bi Francis Manu-Gyan nyaa amba 217 a ɛyɛɛ 0.5% . wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[6]

Boayikuw ahorow[sesa]

Kyeremeh yɛ Asɔremma a Wɔkura Mfaso Boayikuw no Dwumadibea ahorow (Members Holding Offices of Profit Committee) no muni na ɔsan nso yɛ Adwumayɛ ne Adan Boayikuw (member of Works and Housing Committee) no muni.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Kyeremeh yɛ Kristoni.[7]

Adɔeyɛ[sesa]

bosome Obubuo afe 2021 mu no, ɔde nkyerɛkyerɛ nneɛma bi maa aban sukuu bɛyɛ aduanan baako (41).[8]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2021-02-27.
  2. "Berekum East MP involved in an accident, 4 persons injured". GhanaWeb (in English). 2021-12-27. Archived from the original on 2022-11-13. Retrieved 2022-11-13.
  3. Owusu, Eric (2021-12-26). "Four injured in accident involving MP [Photos]". Adomonline.com (in American English). Retrieved 2022-11-13.
  4. Borga 1), Henry Kofi Adane (. "NELSON KYEREMEH DEFEATED INCUMBENT MP DR. TWUM-NUAMAH TO LEAD BEREKUM EAST NPP FOR 2020 ELECTIONS". www.ghananewsplus.com (in British English). Retrieved 2021-02-27.
  5. "Sitting NPP MPs who 'summertumbled' in primaries". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-11-13.
  6. FM, Peace. "2020 Election - Berekum East Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-27.
  7. "Kyeremeh, Nelson". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-11-13.
  8. Aborroway, Effah Kwaku. "Hon Nelson Kyeremeh to Donate Trunks, Chop-Boxes and GHC1000 to BECE Candidates Who Excel After Supporting Them with over 1500 Maths Sets". Berekum City (in British English). Retrieved 2022-11-13.