Munira Thabit
Munira Thabit | |
|---|---|
![]() | |
| Awo bere | Nhwɛsoɔ:Birth date text |
| Owu bere | September 1967 (aged 64–65) Cairo, Egypt |
| Din foforo | Bint Al-Waha |
| N'adwuma | journalist, writer |
| Years active | 1924–1960 |
| Yɛnim no sɛ | challenging the political order |
Notable work | Thawra fi-l-birj al `aji: mudhakkirati fi `ishrin `aman `an ma`rakat huquq al-mar'a al-siyasiya (A Revolution in the Ivory Tower: My Memories of Twenty Years of Struggle for Women's Political Rights, memoir |
Munira Thabit (anaa Mounira Thabet) (Arabic: منيرة ثابت) (1902–1967) yɛ Egypteni ɔtwerɛfoɔ ne ɔsanfoɔ . Wɔnim no sɛ ɔka mmaranimfoɔ a wɔdi kan a wɔpɛɛ sɛ ɔbarima ne ɔbaa nyinaa wɔ pɛ wɔ ɔman mu.Ɔyɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔkɔɔ French Law School of Cairo . Ɔsan yɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔnyaa license en droit (French mmara ho abodin krataa) a ɛmaa no tumi sɛ ɔbɛyɛ mmaranim wɔ Egypt Mixed Court.Ɛwɔ mu sɛ ɔyɛɛ ɔbaa mmaranimni a ɔdi kan wɔ Egypt deɛ, nanso ɔhaw a na ɔbaa sɛ ɔbɛyɛ mmaranim wɔ saa bere no mu maa ɔdanee ne ho kɔɔ atwerɛ adwuma mu.
Ɔbra Ahyaseɛ
[sesa]Wɔwoo Munira Thabit wɔ 1902[1][2], anaasɛ ebia 1906[3] wɔ Alexandria. Na ne ma yɛ Turco-Egypteni a ɔkɔɔ sukuu, na ne nso yɛ adwumayɛni wɔ Ɔman Adwumayɛ a Ɛhwɛ Fam[3]. Wɔnnya ne ho nsɛm pii a wɔde ati, ɛfiri sɛ na ɔpɛ sɛ nʼankasa ne ho nsɛm nni nʼatwerɛ mu. Ɛdɛm na ɔpɛɛ sɛ adwene si amammerɛ ne amanyɔsɛm ho nsɛm so[4]. Ɔkɔɔ sukuu a ɛyɛ Italian wɔ Cairo, baabi a ɔsuaa English ne Italian kasa mu nneɛma titiriw. Akyiri yi ɔkɔɔ aban primary sukuu[5]. Wɔ 1924 mu no, ɔnyaa nʼhigh school diploma. Ɛno akyi no, ɔtwerɛɛ krataa a wɔbuei kɔmaa parliament de kaa ne haw sɛ 1923 aban mmara no mmaa nyɛ wɔn ho kwan sɛ wɔbɛto aba anaasɛ wɔnso abɛyɛ mmarahyɛbadwani[6][3]. Wɔ 1925 mu no, Thabit kɔɔ French Law School of Cairo sɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔkɔɔ saa sukuu no. Akyiri yi ɔnyaa ne license en droit wɔ Paris[3], wɔ 1933 mu[7]. Eyi ma no bɛyɛɛ ɔbaa mmaranimni a ɔdi kan wɔ Egypt. Wɔmaa no tumi sɛ ɔbɛyɛ mmaranim wɔ Egypt Mixed Court. Nanso ɔhaw a na ɛwɔ hɔ ma mmaa sɛ wɔbɛyɛ mmaranim wɔ saa bere no mu maa ɔdanee ne ho kɔɔ nsɛm ho atwerɛ[3].
Adwuma
[sesa]Wɔ 1923 ne 1933 ntam no, Thabit bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Egypt Feminist Union (EFU) (Arabic: الاتحاد النسائي المصري) . Nanso ɛfiri sɛ na ofi abusua a wɔyɛ adwuma na wɔn sika nni so dodoɔ mu, mmaa a wɔwɔ sika a wodi EFU ano no poo no ne nʼadwene sɛ ɔmmɛka wɔn ho[7]. Nea na ɔgye di ne sɛ mmaa fata sɛ wɔnni pɛ wɔ ɔman mu nyinaa, wɔ nhomasua, awareɛ, adwumayɛ, ne wɔn ho kwan sɛ wɔbɛhyɛ anaa wɔannyɛ nkurumu[8]. Thabit tee Franse kasa magazin a wɔfrɛ no l'Espoir wɔ 1925 mu. Afe a edii so no, ɔne ɔsanfoɔ Abd al-Qadir Hamza bom tee al-Amal, a ɛyɛ Wafdist mmaa nsɛm magazin a ɛdi kan. Ɔwaree Hamza, nanso awareɛ no nantewee ntɛm na wɔtete. Bere a na ɔresua ade no, magazin abien no nsɛm amma ntɛm. Ɔtoaa so twerɛɛ nsɛm maa Al-Ahram wɔ Antun Jumayyil frɛ no. Ɔtwerɛɛ maa Al-Ahram kɔsi sɛ Antun wui wɔ 1948 mu[3]. Bere a na ɔresua ade wɔ France no, ɔkɔɔ aman ntam nsɛm ho atwerɛ nhyiamu wɔ 1928 mu wɔ Cologne, Germany sɛ Egypt ananmusini. Saa bere no, wɔkan no sɛ ɔbea sanfoɔ a ɔdi mu wɔ Egypt[9].
Bere a Thabit wiee nʼmmara abodin wɔ 1933 mu no, Egypt Feminist Union (EFU) frɛɛ no ne mmaranimfoɔ foforɔ a wɔwiee ade no baa apontoɔ bi so de hyɛɛ wɔn nkonyimdi . Saa bere no na ɛdikan a wɔma no kwan sɛ ɔde ne nnwuma a ɛho hia no bi guu wɔn mmaa ho dwumadie mu .Nanso, ɔgye too mu sɛ ɔmfa mpanyimfoɔ no nhyehyɛe a ɛfa mmaa dwumadie ho di dwuma ansa na ɔbɛnya tumi wɔ wɔn nhyehyɛe mu[7]. Ɔtwerɛɛ atwerɛ bi faa Anglo-Egyptian treaty of 1936 ho. Wɔ atwerɛ no mu no, ɔtiaa apam no. Wɔ 1938 mu no, ɔkɔɔ Eastern Women's Congress a wɔyɛɛ wɔ Cairo, baabi a ɔbɔɔ mmɔden maa Arab amanmu (Arab nationalism)[10].Wɔ 1939 mu no, Huda Sha'arawi a na ɔyɛ EFU[11] panyin saa bere no frɛɛ Thabit ne Ceza Nabarawi sɛ wɔnkɔ International Alliance of Women Conference a wɔyɛɛ wɔ Copenhagen[12]. Wɔbɔɔ Thabit kɔkɔ sɛ ɔnnya mfa aban tu gu ho nhyehyɛe (revolutionary agenda) anaa amanyɔsɛm ho tumi ho asɛm nka . Mmom, ɔsɛ sɛ ɔka asomdwoe ho nsɛm na ɔnye nkonimdifoɔ amanmu a na ɛwɔ hɔ no nni[13]. Saa nhyiamu ahodoɔ yi na ɛmaa Thabit nyaa nkuran ma ɔtwerɛɛ ne "red book" (a ɛkyerɛ biribi a ɛwɔ ɔhaw mu) a wɔfrɛ no قضية فلسطين (The Cause of Palestine) wɔ 1939 mu . Ɔtwerɛɛ nhoma yi sɛ mmuae ma Britain white paper[10] ne sɛ ɔbɛtia Western imperialism[14].
Baabi a meyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Radwa Ashour, Ferial Ghazoul, Hasna Reda-Mekdashi (2008-11-01), Arab Women Writers: A Critical Reference Guide, 1873-1999 (in English), American University in Cairo Press, ISBN 978-977-416-267-1, retrieved 2026-03-25
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Munira Thabit - Arab Women Writers (in British English), retrieved 2026-03-25
- 1 2 3 4 5 6 Arthur Goldschmidt (2000), Biographical dictionary of modern Egypt, Boulder, Colorado: Lynne Rienner Publishers, ISBN 978-1-55587-229-8, retrieved 2026-03-25
- ↑ Raḍwá ʻĀshūr, Ferial Jabouri Ghazoul, Hasna Reda-Mekdashi, Mandy McClure, ed. (2026), Arab women writers: a critical reference guide, 1873-1999, Cairo ; New York: The American University in Cairo Press, ISBN 978-1-64903-489-2, retrieved 2026-03-25
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: editors list (link) - ↑ منيرة ثابت … عميدة النساء الرائدات. (in Arabic), 2010-04-12, retrieved 2026-03-25
- ↑ "Al-Ahram", Wikipedia (in English), 2026-03-23, retrieved 2026-03-25
- 1 2 3 Cathlyn Mariscotti (2008-10-31), Gender and Class in the Egyptian Women’s Movement, 1925-1939: Changing Perspectives (in English), Syracuse University Press, ISBN 978-0-8156-3170-5, retrieved 2026-03-25
- ↑ DSpace, retrieved 2026-03-25
- ↑ Cathlyn Mariscotti (2008-10-31), Gender and Class in the Egyptian Women’s Movement, 1925-1939: Changing Perspectives (in English), Syracuse University Press, ISBN 978-0-8156-3170-5, retrieved 2026-03-25
- 1 2 Arthur Goldschmidt (2000), Biographical dictionary of modern Egypt, Boulder, Colorado: Lynne Rienner Publishers, ISBN 978-1-55587-229-8, retrieved 2026-03-25
- ↑ Sania Sharawi Lanfranchi (2014), Casting off the veil: the life of Huda Shaarawi, Egypt's first feminist (Revised paperback edition ed.), London New York: I.B. Tauris, ISBN 978-1-78453-276-5, retrieved 2026-03-25
{{citation}}:|edition=has extra text (help) - ↑ Sania Sharawi Lanfranchi (2014), Casting off the veil: the life of Huda Shaarawi, Egypt's first feminist (Revised paperback edition ed.), London New York: I.B. Tauris, ISBN 978-1-78453-276-5, retrieved 2026-03-25
{{citation}}:|edition=has extra text (help) - ↑ Cathlyn Mariscotti (2008), Gender and class in the Egyptian women's movement, 1925-1939: changing perspectives, Middle East studies beyond dominant paradigms, Syracuse (N. Y.): Syracuse University Press, ISBN 978-0-8156-3170-5, retrieved 2026-03-25
- ↑ Cathlyn Mariscotti (2008), Gender and class in the Egyptian women's movement, 1925-1939: changing perspectives, Middle East studies beyond dominant paradigms, Syracuse (N. Y.): Syracuse University Press, ISBN 978-0-8156-3170-5, retrieved 2026-03-25
