Jump to content

Multimedia Group Limited

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Multimedia Group Limited yɛ nsɛm ho amanneɛbɔ kuo wɔ Ghana . ɛde sii hɔ wɔ afe 1995 mu na ɛwɔ kasanoma dwumadibea ahorow asia, television dwumadibea abiɛsa, nsɛm ho amanneɛbɔ wɛbsaet abien ne satellite television dwumadibea.[1][2]

Kuo yi anya abasobɔdeɛ bebree.[3] Afe 2006 Multimedia kasafidie a dwuma kuo Joy FM di nkan gye abasobɔ sɛ kasafidie papa paa ɛtɔso mmienu wɔ Abibire manmu.[4]

Wɔn dwumadie

[sesa]

Afe 1995, Kwasi Twum a ɔyɛ Ghanani na bue a Multimedia Group ano. Radio dwumadibea a ɛdi nkan no hyɛ ase yɛɛ adwuman wɔ afe 1995, adwumayɛfoɔ 12 na ɛfirii aseɛ. Wɔhyɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔ kuo no ase wɔ Accra, Ghana. [5]

Radio dwumadibea ahoroɔ

[sesa]

Multimedia Kuw no wɔ radio dwumadibea ahorow asia wɔ Ashanti Mantam ɛna Greater Accra Mantam mu ahorow no yɛ:

  • Joy FM
  • Luv FM
  • Nhyira FM
  • Asempa FM
  • Hitz FM
  • Adom FM

Television adwumayɛbea ahoroɔ

[sesa]

Joy News, Joy Prime, Joy Learning ne Adom TV adwuma.[6]

Abasobɔde ahoroɔ

[sesa]

Kuo nu wɔ abasobɔde ahorow pii a nea ɛka ho ne:

  • Charted Institute of Marketing Ghana (CIMG) Abasobɔde a ɛfa Nsɛm ho Amanneɛbɔ Ahyehyɛde a Ɛsen Biara wɔ Afe 2008 mu – Multimedia Kuo
  • CIMG Abasobɔdeɛ a ɛfa Anɔpa Dwumadie a Ɛyɛ Paara wɔ Afe 2008 mu – Joy FM
  • Ghana Nsɛm ho amanneɛbɔfo Fekuw Dwumadi a Ɛsen Biara wɔ Afe no mu - Joy FM's Super Morning Show
  • CIMG Abasobɔdeɛ a ɛfa Digital Media a Ɛyɛ Paara wɔ Afe 2019 mu – M’anigyeɛ wɔ Intanɛt so
  • CIMG Abasobɔde a ɛfa Nsɛm ho amanneɛbɔ foforo aguadi abasobɔde a eye sen biara wɔ afe 2019 mu – M’anigye wɔ Intanɛt so
  • CIMG Abasobɔde a ɛfa Radio Dwumadi a Ɛsen Biara wɔ Afe 2019 mu – Joy FM Super Morning Show
  • CIMG Abasobɔde a ɛfa Nsɛm ho Amanneɛbɔ Ahyehyɛde a Ɛsen Biara wɔ Afe 2019 mu – Multimedia Kuo

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. ↑ Multimedia Broadcasting Limited (in English), retrieved 2026-05-14
  2. ↑ "Ghana media guide", BBC News (in British English), 2011-05-17, retrieved 2026-05-14
  3. ↑ https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/JOY-FM-Citi-FM-win-big-at-BBC-Africa-awards-124866
  4. ↑ BBC - Radio 4 - A World In Your Ear, retrieved 2026-05-14
  5. ↑ About Us - The Multimedia Group, retrieved 2026-05-14
  6. ↑ Adom TV (in English), retrieved 2026-05-14