Mpoto Mpoto

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mpoto Mpoto (About this soundsɛnea yɛbɔ "Mpotompoto" ) yɛ Ghana aduane bi a wɔde bayerɛ anaa mankani na ɛyɛ. Nigeria foɔ frɛ no Asaro wɔ Yoruba kasa mu.[1][2]

Yam_pottage
Yam_pottage_or_Àsáró
Yam_porridge_or_Àsáró

Kwan a yɛfa so yɛ[sesa]

Nnoɔma a yɛde yɛ

  • Mankani anaa bayerɛ
  • Gyeene
  • Tomatoes mmienu
  • Amane
  • Mako
  • Ngo
  • Nkyene
  • Nsuo

Kwan a yɛfa so yɛ[3][sesa]

Deɛ adi kan, wobɛ senesene mankani anaa bayerɛ no na watwitwam nketenkete na wahohoro ho.[4]

Deɛ ɛtɔ so mmienu, wode mankani anaa bayerɛ no a watwitwa no ne gyeene ne mako ne ntoosi bɛgu dadesɛn mu na wode nsuo a ɛdɔɔ so ara yie ɛgu ho na wakata so de esi gya so anoa.

Deɛ adi hɔ, wode wo amane no a wahohoro ho no bɛka nea esi gya so no ho. Wowie a na wayiyi gyeene, mako ne ntoosi no ayam. Woyam wie a na wode aka mankani anaa bayerɛ no a esi gya so no ho. Wode gum a na wode atser no etwi mankani anaa bayerɛ no kakra wɔ dadesen no mu na wode ngo ne nkyene nso aka ho. Wowie a na wama egya no ayɛ ketewa bi nti sɛ wohwɛ na makani no ayɛ mmrɛ a na ɛkyerɛ sɛ wo awie wo mpoto mpoto no yɛ.[5]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.youtube.com/watch?v=RRPgV16Xx84
  2. http://ndudu-by-fafa.blogspot.com/2017/02/yam-pottage.html
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/Recipes-How-to-prepare-mpotompoto-529720
  4. Archive copy, archived from the original on 2019-07-20, retrieved 2022-06-18{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.primenewsghana.com/lifestyle/ghanaian-recipes-to-try-at-home.html