Jump to content

Mperewa Nyinsɛn

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mperewa Nyinsɛn yɛ nyinsɛn a ɛsi wɔ mmaa a wɔnuruu wɔn mpanin mfeɛ so na wɔanyinsɛn; ne titire bɛyɛ mfeɛ dunnum de kɔsi dunnkron (15-19) ne wɔn a wɔadi mfeɛ du kɔsi dunnum.[1]Mperewa nyinsɛn yɛ adeɛ a ɛsi wiase afanaa nyinaa. Na ɛwɔ apɔmuden mu nsunsuansoɔ ne asetena mu ahokyerɛ ne ɔhaw.[2]

Apɔmuden mu nsunsuansoɔ ne ɔhaw

[sesa]
  • Mpɛn pii no, mmaa a wɔnuruu wɔn mpanin mfeɛ so na wɔnyinsɛn no tumi nya apɔmuden mu haw bi te sɛ; mogyaborosoɔ, wɔn ho nsuo nyinaa tumi sa anaa sɛ wɔtumi wo wɔ berɛ a wɔn berɛ nya nnuruu sɛ wɔbɛwo.Bio, mmɔfra a wɔbɛwo wɔn no mu yɛ hare anaa sɛ wɔyɛ nketenkete.
  • Afei nso, mmaa a wɔnyaa mfeɛ dunnum na wɔnyinsɛn no nni ahoɔden papa biara a wɔtumi de kora nyinsɛn ɛsiane sɛ wɔn ahoɔden wɔ fam.
  • Bio, nyinsɛn mu haw tumi ma mmaa a wɔnyinii nnuruu wɔn mpanin mfeɛ so na wɔnyinsɛn no hwere wɔn nkwa. Adanseɛ kyerɛ sɛ wiase nyinaa, wɔn a wɔadi dunnum de kɔsi dunson no taa hwere wɔn nkwa.
  • Mpɛn pii nso mperewa nyinsɛnfoɔ tumi yɛ hahaaha. Na wɔtumi nya nkekaeɛ nso wɔ wɔn nyinsɛn mu.[3]

Deɛ ɛde ba

[sesa]
  • Nnamfosɛm[4]
  • Ahokyerɛ ne ohia
  • Awofoɔ a wɔnte wɔn ani nhwɛ wɔn mma yie.
  • Nnipa no bi wɔ hɔ nso a wɔpɛ sɛ wɔhunu sɛdeɛ ɔbaa ne ɔbarima nhyiamudie si teɛ.
  • Nnipa no bi wɔ hɔ nso a wɔnnya nkyerɛkyerɛ fa ɔbaa ne ɔbarima nhiamudie ho.[5]

Ɛho nsunsuansoɔ

[sesa]
  • Ɛtumi ma ɔbaa a wanyinsɛn no gyae sukuu.[6] Ɛtɔ da mpo a mmarima a wɔne wɔn faa saa afuro no nso tumi gyae sukuu anaa sɛ yɛyi wɔn adi firi sukuu mu.
  • Mpɛn pii no, mperewa nyinsɛnfoɔ ntumi ne wɔn nnamfonom nni agorɔ. Wɔtwe wɔn ho firi wɔn nkyɛn. Na ɛba saa nso a ɛde adwendwene ne awerɛhoɔ na ɛbɛtɔ wɔn so.
  • Bio, mperewa nyinsɛn de ahokyerɛ ba
  • Ɛtumi ma wɔn abrabɔ yɛ basaa.

Sɛdeɛ yɛbɛsi ano kwan

[sesa]
  • Ɛwɔ sɛ mmabunu nya ɔbaa ne ɔbarima nhyiamudie ho nkyerɛkyerɛ.
  • Ɛwɔ sɛ awofoɔ ma wɔn ani kɔ wɔn mma ho.[7]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Rebecca Buffum Taylor, Teen Pregnancy: Medical Risks and Realities (in English), retrieved 2025-07-04
  2. "Teenage pregnancy", Australian Journal of General Practice (in English), retrieved 2025-07-04
  3. Teenage Pregnancy, retrieved 2025-07-04
  4. Teenage pregnancy (in British English), retrieved 2025-07-04
  5. JOHNSON GIFT ELLINGTON, Causes Of Teenage Pregnancy And Its Effects (in English), retrieved 2025-07-04
  6. Teenage Pregnancy: Signs, Effects, Diagnosis, and Prevention (in English), 2018-07-30, retrieved 2025-07-04
  7. Adolescent pregnancy (in English), retrieved 2025-07-04