Mpena-Wareɛ
Appearance
Anaa Mpenatweɛ ka awareɛ ahodoɔ a ɛntia Akanfoɔ amammerɛ a ɛfa awarew no ho[1].
Ɛyɛ awareɛ a ɔbarima bi ne ɔbaa bi tumi tena ase se awarefoɔ nanso na ɛnnyɛ adeɛ a, ɔbarima no akɔ hunu ɔbaa no abusuafoɔ akɔtu ɔbaa no tiri nsa anaase wakɔyɛ ɔbaa no ho adeɛ. Ɛbetumi aba se, ɔwaree abaa no akyɛre yie a, ɔne no awo mma bebree na afei nso ɔde nsa akɔbɔ kɔkɔɔkɔ wɔ ɔbaa no abusuafoɔ hɔnanso ne tiri-adeɛ ne tiri - nsa no deɛ, na ɔnyɛɛ ho hwee. Yei kyerɛ sɛ, awareɛ no da so yɛ mpena awareɛ .Sɛ ɔbarima no anaa ɔbaa no mu baako wu a, ɛnyɛ nhyɛ sɛ emu biara abusuafoɔ bɛpene so ama baako a aka no, bɛyɛ deɛ wawuo no kuna[2].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
- ↑ Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21