Jump to content

Mpaebɔ

Ɛfi Wikipedia

Mpaebɔ yɛ kwan a nnipa fa so ne Onyankopɔn di nkitaho na adi akɔtene pa ara wɔ pii no ara asetena mu. Akristofoɔ, Nkramofoɔ ne ɔsom ahodoɔ mufoɔ pii no ara de wɔn ho hyɛ mpaebɔ mu. Saa adeyɛ yi ho hia pa ara ɛfiri sɛ, nnipa dodoɔ no ara nam mpaebɔ so de wɔn abisadeɛ anaa ahiadeɛ to Onyankopɔn anim.

Mpaebɔ Ahodoɔ

[sesa]

Mpaebɔ gu mu ahodoɔ pii Yei bi ne Odima Mpaebɔ, Adesrɛ Mpaebɔ, Aseda Mpaebɔ ne Bɔnefakyɛ Mpaebɔ. Aseda mpaeɛ yɛ kwan a yɛfa da Onyankopɔn ase wɔ deɛ wayɛ ama yɛn. Bɔnefakyɛ mpaeɛ yɛ mpaeɛ a yɛbɔ de sɛ yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa yɛn amumuyɛ / bɔne nyinaa nkyɛ yɛn. Odima mpaeɛ yɛ mpaeɛ a yɛbɔ ma afoforɔ te sɛ akunafoɔ, ayarefoɔ ne deɛ ɛkeka ho. Adesrɛ mpaeɛ yɛ kwan a yɛfa so de yɛn adesrɛdeɛ to Onyankopɔn anim sɛ ɛbia; adwumasɛm, sukuu sɛm ne deɛ ɛkeka ho saa mpaeɛ yi na ɛtɔ so nnan. Afei, na yɛde aseda atwa mpaeɛ yi nyinaa to.

Baabi a menyaa mmuaeɛ firiiɛ

[sesa]

https://journals.sagepub.com/doi/pdf/10.1177/089801019901700103?casa_token=vtTLYDgpSZYAAAAA:xh7zyZYVff07PyPzhqPqyFXaSh7l-LlXuPibSvIa4Lr4A9y7_jVnLZIptWkguD6O-nOzO7F86JC7

https://www.jstor.org/stable/pdf/27900696.pdf

https://www.tandfonline.com/doi/pdf/10.1080/10508610903146316?casa_token=A7OpBsaOlqwAAAAA:q8-GWON8wQWCIT4ia9NPVzS-AV0cAXeyIRaSpgLLBR_JDs3J78Z8I13o1lFy0O-2cRtH0hTWJBJGnns