Mpaeɛyie
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mpaeɛyie yɛ amanneɛ bi a ɛdi Akanfoɔ dwumadie nyinaa mu akotene. Berɛ biara, wɛyi mpaeɛ ne wɔn nananom di nkitaho srɔ nkwatenten, ahotɔ, asomdwoeɛ ne nneɛmapa pii ma wɔn ho. Ebinom frɛ saa amanneɛ yi 'apaeɛ'[1].
Dwumadie Ahodoɔ a, Wɔyi mpaeɛ wɔ aseɛ.
[sesa]Awaregyeɛ mu no, wɔyi mpaeɛ de awaregyeɛ amanneɛ no nyinaa ba awieeɛ. Wɔbɛyi mpaeɛ de abɔ Onyankopɔn, Nananom, Nsamanfoɔ ne abosom no amanneɛ sɛ wɔmmɛdi adanseɛ wɔ awareɛ no ho. Wɔbɛhyɛ nsa no bi ama ɔbiara anya bi anom[2].
Wɔyɛ yei wie ansa na wɔabisa ɔbarima no ɛda a ɔbɛba abɛfa ne yere no akɔ ne fie. Saa da yi ne nneyɛeɛ a ɛbɛkɔ soɔ no nyinaa na wɔfrɛ no Nkunkyirenna no.
Ayiyɔ mu no, wɔyi mpaeɛ mpɛn pii. Sɛ ebia berɛ a wɔde amu no reto adaka mu, berɛ a wde amu no reto amena mu, berɛ a wɔrebɛbue ne so ne ade[3].
Abadintoc mu, wcyi mpaeɛ srɛ nneɛma papa pii ma wɔ ho ne abɔfra a ɔreba wiase no[4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Joseph K. Adjaye (2001), "The Performativity of Akan Libations: An Ethnopoetic Construction of Reality", Ghana Studies, vol. 4, no. 4, pp. 107–138, ISSN 2333-7168, retrieved 2025-08-21
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-21
- ↑ Astrid Bochow (2012), Mirjam de Bruijn, Rijk van Dijk (ed.), "Marriages and Mobility in Akan Societies: Disconnections and Connections over Time and Space", The Social Life of Connectivity in Africa (in English), New York: Palgrave Macmillan US, pp. 123–139, doi:10.1057/9781137278029_7, ISBN 978-1-137-27802-9, retrieved 2025-08-21
- ↑ Joseph K. Adjaye (2001), "The Performativity of Akan Libations: An Ethnopoetic Construction of Reality", Ghana Studies, vol. 4, no. 4, pp. 107–138, ISSN 2333-7168, retrieved 2025-08-21