Jump to content

Mpԑnsԑmpԑsԑmu Adekyerɛ kwan

Ɛfi Wikipedia

Mpԑnsԑmpԑsԑmu Adekyerɛ kwan yԑ adekyerԑ kwan a akyerԑkyerɛfoↄ de adesuadeԑ to dwa ma asuafoↄ nso nam so da wↄn nimdeԑ, suahunu, nsusuiԑ ne nokwasԑm a wↄnim fa adesua no ho adi. Ԑtↄ da bi a, ↄde atifi asԑm no to hↄ a, ↄno ankasa tumi di anim mpԑnsԑmpԑnsԑmu no anim. Ԑtↄ da nso a ↄkyekyԑ asuafoↄ no mu akuo akuo na wayi kuo biara mu kannifoↄ na ↄde dwumadie ahyԑ wↄn nsa enti sԑ wↄkↄ akuo no nhyiamu a, ↄkannifoↄ no di anim ma wↄpԑnsԑmpԑnsԑm ↄhaw no mu. Adwenkyerԑ a ԑbԑba no na watwerԑ na wↄn abԑka deԑ wↄnya firii nhyia no mu. [1]

Saa adekyerԑ kwan yi mu no, ɔkyerɛkyerɛni no nni dwuma kԑse pii. Ɔde ɔhaw no to hↄ a, ↄgyae ma asuafoɔ no nso pԑnsԑmpԑnsԑm mu. Deԑ ↄyԑ ne sԑ, ↄma akwankyerԑ na afei ɔtenetene asuafoɔ no mfomsoↄ. Ԑsiane sԑ ԑbue kwan ma asuafoↄ no nyinaa tumi da wↄn nimdeԑ adi no nti asuafoɔ no de wↄn ho hyԑ adekyerԑ ne adesua no mu ma ano nkitahodie mapa kↄ so wↄ asuafoↄ mu. Akyerɛkyerɛfoɔ taa de di dwuma pa ara ԑfiri sԑ ԑyԑ ma gyinapԑn biara mu adekyerԑ.[2]

Mpԑnsԑmpԑsԑmu Adekyerɛ kwan so mfasoɔ

[sesa]

Adekyerɛ kwan yi boa asuafoↄ no ma wɔyԑ mfeefeemu ԑfiri sԑ wogyina so pɛ adesua bi ho mmuaeɛ. Afei nso, asuafoↄ no nyinaa de wↄn ho hyԑ adesua no mu enti ԑma adesua no yԑ anika na ɛma asuafoɔ dwene sɛ ankorɛankorɛ na wɔtumi kyerɛ wɔn adwene wɔ adesua bi mu. Deɛ ɛtwa toɔ no, ɔkyerɛkyerɛni bi gyina saa adesua kwan yi so kari hwԑ sԑ asuafoɔ no ani gye adesua no ho anaa. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. William M. Welty (1989-08-01), "Discussion Method Teaching", Change: The Magazine of Higher Learning (in English), doi:10.1080/00091383.1989.9939866, ISSN 0009-1383, retrieved 2025-08-31
  2. Stephen Brookfield, Stephen Preskill (1999-01-01), Discussion as a Way of Teaching: Tools and Techniques for University Teachers (in English), McGraw-Hill Education (UK), ISBN 978-0-335-20161-7, retrieved 2025-08-31
  3. Khalid Abdulbaki, Muhamad Suhaimi, Asmaa Alsaqqaf, Wafa Jawad (2018), "The Use of the Discussion Method at University: Enhancement of Teaching and Learning", International Journal of Higher Education (in English), vol. 7, no. 6, pp. 118–128, ISSN 1927-6044, retrieved 2025-08-31{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)