Jump to content

Mmusudin

Ɛfi Wikipedia

Mmusuadin yɛ edin a agyanom na wɔde ma wɔn mma. Amammerɛ ne amanneɛ kyerɛ sɛ, agyanom ne wɔn awofoɔ dwene saa dintoɔ yi ho.Mmom agyanom bɛtumi nso ne wɔn yerenom adwene saa dintoo yi ho. Saa mmusuadin yi nyinaa gyina agyanom ntorɔ ahodoɔ du-mienu no so wɔ Akan mu.

Yeinom ne Busummuru, Bosompra, Bosomtwe, Bosomnketia, Bosompo, Bosomdwerebe, Bosomkrete, Bosomafi, Bosomayesu, Bosomakom, Bosomakonsi, Bosomafram, ne Bosomsika. Saa edin ahodoɔ yi yɛnya firii abosom ahodoɔ bi a na Akanfoɔ som wɔn wɔ tete mmerɛ no mu. Nsɛmfua Bosom a edi kan wɔ edin ahodoɔ no mu nyinaa kyerɛ agyanom Bosom. Saa ntorɔ/nton ahodoɔ yi mu biara wɔ wɔn din ankasa, ɛwom sɛ edin no bi tumi frafra deɛ, wɔn a na wɔn agyanom firi ntorɔ/nton korɔ mu no tae nya din korɔ.

Edin no bi ne Apau, Yeboa, Agyekum, Yankah, Ofori, Agyeiwaa. Wɔ mmusuadin yi mu no, yɛtumi nya barima din a ɛwɔ ne maa din a, ɛyɛ nsiakyire -waa, -maa, anaa-bea/ba (obaa). Mmom edin no bi wɔ hɔ a ɛwɔ nnyegyeeɛ korɔ de ma ɔbarima ne ɔbaa, nhwɛsoɔ bi ne Agyeman- Adwoa Agyeman/Kofi Agyeman ne kofi/Ama Konadu, Kwadwo/Adwoa Pinaman ne Adu.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1.https://www.annualreviews.org/content/journals/10.1146/annurev.psych.55.090902.141528

2.https://link.springer.com/article/10.1007/s10887-010-9052-z

3.https://www.cambridge.org/core/journals/psychometrika/article/abs/who-belongs-in-the-family/5270D9B37A258A06C7CE7C0A528145F5