Jump to content

Mmrane

Ɛfi Wikipedia

Mmrane yɛ nsɛm anaa edin a yɛde hoahoa obi anaa wɔde da ne suban adi sɛ ebia adɔeɛ, ayamyɛ, akokoɔduro ne ne mmaninyɛ na ɛsane ma yɛhunu obi kɛseyɛ anaa ne dwumadie soronko bi a ɔdaa no adi wɔ abrabɔ mu. [1]

Mmrane taa di dwuma wɔ yɛn daa daa kasa mu. Yei nti, wɔ Akanman mu no, abusuadin biara wɔ ne ne mmrane. Abenfoɔ bi ka sɛ, mmrane yɛ nsɛm bi a yɛka de hoahoa, tonton edin, diberɛ anaa gyinaberɛ bi a, obi anaa biribi wɔ mu na ɛyɛ adeɛ a yɛde korɔkorɔ nipa no. Yɛwɔ mmrane a yɛde bɔ ahemfoɔ ne nkuro de kyerɛ wɔn diberɛ ne wɔn tumidie na saa mmrane yi boa ma yɛhunu obi diberɛ ne kuro bi mpaninsɛm.[2]

Mmrane ho nhwɛsoɔ

[sesa]

Nhwɛsoɔ bi ne sɛ Boaten mmrane ne Agyenim, Apea mmrane ne Kubi, Abrafi mmrane ne ɔkɔtɔ Nyarko mmrane ne Aborɔnoma, Akwasi mmrane ne Bodua. Mmoa din nso wɔ wɔn mmrane. Yei ho nhwɛsoɔ ne Okusie mmrane ne Aduoku, Apan mmrane ne Dankwa, Akokɔ mmrane ne Antwiwaa, Nkuro din nso wɔ wɔn mmrane. Yei bi ne; - Kumase a ne mmrane ne Ɔsɛekurom, Mampɔn a ne mmrane ne Kontonkyi, Oguaa a ne mmrane ne Akɔtɔ, Kyebi a ne mmrane ne Dokuaakurom.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Liticia, A. B. (2012). Akanfoɔ Amammerɛ ho adesua ahodoɔ bi (no publisher).
  2. 1 2 Prempeh, A. A. (2016). Akanfoɔ Amammerɛ ne Akan Kasadwini (Comprehensive notes on customs and institutions and oral literature for senior high schools). Premsco Series, Ghana.